Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 19:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Ɔdansekurumfoɔ ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na deɛ ɔhu atorosɛm no bɛyera.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Ɔdansekurumfoɔ ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na deɛ ɔhu atorosɛm no bɛyera.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Adansekurumni benya asotwe, na nea otwa nkontompo no bɛyera.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Adansekurumni bɛnya asotwe, na deɛ ɔtwa nkontompo no bɛyera.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Ɔdansekurumfo ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na nea ohuw atosɛm no bɛyera.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 19:9
16 Iomraidhean Croise  

Nokorɛ ano tim hɔ daa, na tɛkyerɛma torofoɔ deɛ wɔnkyɛre koraa.


Ɔdansekurumfoɔ ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na deɛ ɔhu atorosɛm no rennya adwaneyɛ.


Adansefoɔ atorofoɔ bɛyera, na onipa a ɔtie asɛm, ɔkasa daa.


ɔdansekurumfoɔ a ɔhu atorosɛm, ne deɛ ɔhyɛ anuanom ntam takrawɔgyam.


Ɛsiane sɛ mode atorɔ ma ɔteneneeni a, me deɛ, menhyɛ no awerɛhoɔ no akoma tutuo, na mohyɛ ɔbɔnefoɔ nsa mu den, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wansane amfiri ne kwammɔne so na wannnya nkwa nti,


Na ɔhene hyɛe maa wɔde mmarima a wɔtotoo Daniel ano no bae de wɔn bɛguu agyata amena no mu, wɔn ne wɔn mma ne wɔn yerenom; na wɔnnya nnuruu amena no aseɛ no, agyata no faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu.


Na wɔkyeree aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnneɛ, de daadaa wɔn a wɔgyee aboa no agyiraeɛ ne wɔn a wɔkotoo ne honi no kaa ne ho. Wɔtoo wɔn baanu yi animono guu ogya tadeɛ a sɔfe dɛre mu no mu.


Na ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nnie ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a egya ne sɔfe dɛre mu no mu, ɛno ne owuprenu no.


Na kuro no akyiri na akraman ne adutofoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdie nyinaa wɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan