Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 19:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Ɔhene abufuo te sɛ gyata mmobom, na n’anisɔ te sɛ wira so bosuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Ɔhene abufuo te sɛ gyata mmobom, na n’anisɔ te sɛ wira so bosuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔhene abufuw te sɛ gyata mmubomu, na nʼadom te sɛ sare so bosu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔhene abufuo te sɛ gyata mmobom, na nʼadom te sɛ ɛserɛ so bosuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Ɔhene abufuw te sɛ gyata mmobom, na n’anisɔ te sɛ wura so bosu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 19:12
19 Iomraidhean Croise  

Onyankopɔn mma wo ɔsoro bosuo ne asase mu sradeɛ bi, ne aburoo ne nsa pii.


Na ɔbɛyɛ sɛ anɔpa hann, berɛ a owia repue, sɛ anɔpa a mununkum nni hɔ, sɛ owia gyegyeɛ ne osutɔ nti wira fifiri fam.


Nanso Ɔhemmaa Wasti amma sɛdeɛ ɔhene somaa mpiafoɔ maa wɔbɛhyɛɛ no no. Ɛnna ɔhene no bo fuu pii, na n’abufuo dɛree wɔ ne mu.


Na ɔhene no sane firii ahemfie turo no mu baa nsa pono no ase, na Haman ahwe nnaeɛ a Ester wɔ soɔ no so. Na ɔhene kaa sɛ: Ɔrebɛhyɛ ɔhemmaa ne no ada mpo m’anim wɔ me ara me fie ha nso? Asɛm no firii ɔhene anomu ara pɛ, na wɔkataa Haman ani.


Ɛte sɛ Hermon bosuo a ɛsiane gu Sion mmepɔ soɔ, na ɛhɔ na AWURADE ahyɛ nhyira, aane, nkwa de kɔsi daa.


Ɔbɛba sɛ osuo a ɛtɔ gu ɛserɛ a wɔahu soɔ so, sɛ osu kɛseɛ a ɛtɔ dwodwo asase mu.


Ɔhene ho hu te sɛ gyata mmobom, deɛ ɔyi no abufuo no yɛ ne kra bɔne.


Ɔbɔnefoɔ a ɔdi ɔman mmɔborɔfoɔ soɔ te sɛ gyata a ɔbobom ne sisire a n’ani abereɛ.


ɛfiri sɛ ɔyɛ deɛ ɛsɔ n’ani biara. Ɔhene anomu asɛm biara di mu, na hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?


Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me nie: Mɛtena m’adwa so mahwɛ komm, sɛ awia ketee mu ahuhuro, sɛ twaberɛ ahuhuro mu bosuo mununkum.


na tumi a ɔmaa no no nti, aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa ho popoe, na wɔsuroo n’anim; deɛ ɔpɛ no, ɔkumm no, na deɛ ɔpɛ no, ɔmaa no tenaa ase; na deɛ ɔpɛ no, ɔmaa no so, na deɛ ɔpɛ no, ɔbrɛɛ no ase.


Na ɔhene hyɛe maa wɔde mmarima a wɔtotoo Daniel ano no bae de wɔn bɛguu agyata amena no mu, wɔn ne wɔn mma ne wɔn yerenom; na wɔnnya nnuruu amena no aseɛ no, agyata no faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu.


Mɛdane sɛ bosuo mama Israel, ne nhwiren bɛhane sɛ sukooko, na wagye nhini sɛ Lebanon.


Na Yakob nkaeɛ no bɛyɛ aman bebree mu sɛ obosuo a ɛfiri AWURADE nkyɛn, sɛ nhahamma so ahasuo a ɛnhwɛ ɔbarima bi kwan na ɛntwɛn nnipa mma.


Na Israel bɛtena hɔ dwoodwoo, Yakob asubura no nkutoo, ɔbɛtena aburoo ne nsa asase so; ne soro nso bɛsosɔ obosuo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan