Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 19:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuo ase, na mfomsoɔ ho twa yɛ no animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuo ase, na mfomsoɔ ho twa yɛ no animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Onipa nyansa ma no ntoboase; ɛyɛ anuonyam ma obi sɛ obebu nʼani gu mfomso bi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Onipa nyansa ma no ntoboaseɛ; sɛ ɔbu nʼani gu mfomsoɔ bi so a ɛhyɛ no animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase, na mfomso ho twa yɛ no anuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 19:11
19 Iomraidhean Croise  

Damasko nsubɔntene Abana ne Parpar nyɛ nsene Israel nsuo nyinaa? Anka merennware mu na me ho mfi anaa? Na ɔdanee ne ho de abufuo sii mu.


Nsekuni nenam yi ahuntasɛm adi, na nokorɛ honhom kata asɛm so.


Ogyimifoɔ abohuro da adi ntɛm, na ɔbadwemma deɛ, ɔkata aniwuo so.


Deɛ n’abufuo yɛ nyaa no wɔ nteaseɛ pii, na honhom mu katerekaterefoɔ ma agyimisɛm so.


Obufufafoɔ hwanyan ntɔkwa mu, na abodwokyɛrefoɔ pata akayɛ.


Deɛ ne bo kyɛre fuo no yɛ sene dɔmmarima, na deɛ ɔdi ne honhom soɔ no sene deɛ ɔko fa kuro.


Ntɔkwa mfitiaseɛ te sɛ nsuo ano tue, enti ɔham mu nnya nyɛɛ den no, gyae.


Nka sɛ: Mɛhyɛ bɔne ananmu. Twɛn AWURADE, na ɔbɛboa wo.


Ɛyɛ ɔbarima animuonyam sɛ ɔtwe ne ho firi ɔham mu, na agyimifoɔ deɛ, wɔpɛ ntɔkwa.


Sɛ ɛkɔm de wo tamfo a, ma no aduane nni, na sukɔm de no a, ma no nsuo nnom;


Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi, na onyansafoɔ dwodwo no ma no ka akyi.


Na momma mo yam nyɛ yie na ɛnhyehye mo mmema mo ho, momfa nkyekyɛ mo ho, sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de kyɛɛ mo no.


Me nuanom adɔfo, monhunu yei sɛ: Nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuo;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan