Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 18:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Deɛ ɛdi ɔsɛeɛ anim ne sɛ ɔbarima akoma a ɛma ne ho soɔ, na deɛ ɛdi animuonyam anim ne ahobrɛaseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Deɛ ɛdi ɔsɛeɛ anim ne sɛ ɔbarima akoma a ɛma ne ho soɔ, na deɛ ɛdi animuonyam anim ne ahobrɛaseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Ansa na onipa bɛhwe ase no onya ahomaso koma, na ahobrɛase di anuonyam anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ansa na onipa bɛhwe ase no ɔnya ahomasoɔ akoma, na ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Nea edi ɔsɛe anim ne sɛ ɔbarima koma ma ne ho so, na nea edi anuonyam anim ne ahobrɛase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 18:12
17 Iomraidhean Croise  

Na afei, ao AWURADE me Nyankopɔn, wo na woasi w’akoa ɔhene asi m’agya Dawid ananmu, na me deɛ, meyɛ abɔfra ketewa, mennim adifire ne emuba.


Ahantan ba a, na aniwuo ba, na ahobrɛasefoɔ na nyansa ne wɔn teɛ.


AWURADE suro ne nyansa atenetene, na ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.


Ahantan di ɔsɛeɛ anim, na dwɛɛ honhom di asehweɛ kan.


Onipa ahantan bɛbrɛ no ase, na honhom mu ahobrɛaseɛni nsa bɛka animuonyam.


Onipa ba, ka kyerɛ Tiro man panin sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ woama wo ho soɔ, na wose: Meyɛ onyame, anyamedwa so na meteɛ, ɛpo mfimfini, nanso woyɛ onipa, na wonyɛ onyame, na wobu wo ho sɛ onyame.


Ka na wobɛka sɛ: Onyame ne me, wɔn a wɔkum woɔ no anim? Na wo deɛ, woyɛ onipa na wonyɛ onyame, deɛ ɔhwire wo mu no nsam.


na Misraim asase adane afo, na ɛso ada mpan, na wɔahunu sɛ mene AWURADE. Ɛsiane sɛ woka sɛ: Asubɔntene Nil no wɔ me, na me ara na meyɛeɛ.


Na meda so merekasa na merebɔ mpaeɛ na mereka me bɔne ne me man Israel bɔne, na mede me nkotosrɛ mereto AWURADE me Nyankopɔn anim mama me Nyankopɔn bepɔ kronkron,


Wo nkotosrɛ mfitiaseɛ mu no, asɛm firi bae, na maba rebɛka akyerɛ wo, ɛfiri sɛ wɔdɔ wo sɛ; enti te asɛm no ase, na hunu adehunu no mu.


Na obiara a ɔma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase; na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no, wɔbɛma no so.


Saa ara na mo mmabunu nso, momfa mo ho nhyɛ mpanimfoɔ aseɛ. Na mo nyinaa momfira ahobrɛaseɛ, na monsom mo ho mo ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan