Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 17:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Deɛ ɔyi ohiani ahi gu ne yɛfoɔ anim ase, deɛ n’ani gye amaneɛ ho no, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Deɛ ɔyi ohiani ahi gu ne yɛfoɔ anim ase, deɛ n’ani gye amaneɛ ho no, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nea odi ahiafo ho fɛw no bu wɔn Yɛfo animtiaa; na nea ɔfoa amanehunu so no benya asotwe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Deɛ ɔdi ahiafoɔ ho fɛ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa; na deɛ ɔfoa amanehunu soɔ no bɛnya asotwe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Nea oyi ohiani ahii bɔ ne yɛfo ahohora, nea n’ani gye amane ho no, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 17:5
13 Iomraidhean Croise  

Sɛ m’ani gyee me tamfo amanehunu ho, na me ho sanee me sɛ bɔne ato no,


Na wo fie no ho dɔ ahyɛ me ma mmoroso, na wɔn a wɔbɔ wo ahohora ahohorabɔ aba me so.


Deɛ ɔbu ne yɔnko animtia yɛ bɔne, na nhyira ne deɛ ɔhunu amanehunufoɔ mmɔbɔ.


Deɛ ɔhyɛ mmɔborɔni soɔ no gu ne yɛfoɔ anim ase, na deɛ ɔhunu ohiani mmɔbɔ no, ɔhyɛ no animuonyam.


Obiara a ɔyɛ akoma mu dwɛɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, ampa ara, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.


Nso me deɛ, menhyɛɛ wo sɛ ma bɔne mmra, na menhwɛɛ mmusuo da no kwan, wo ara wonim. Deɛ ɛfiri m’anomu baeɛ no, ɛda w’anim hɔ.


Na ka kyerɛ Amonfoɔ no sɛ: Montie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ moka sɛ: Wiɛ, sɛ me kronkronbea ho agu fi, ne Israel asase ho, sɛ ayɛ afo, ne Yuda fie ho nso, sɛ wɔkɔ tukorɔ mu nti,


Atirimuɔden a wode bɔɔ wo nua Yakob nti na aniwuo bɛkata wo ho, na wɔatwa wo atwene akɔsi daa.


Na sɛdeɛ amanehunu boroo me man Yuda sɛ nsa wɔ me bepɔ kronkron no soɔ no, saa ara na ɛbɛboro amanaman nyinaa daa daa, na amanehunu no bɛmene wɔn na w’ase ahye koraa.


Mo ne anigyefoɔ ani nnye, na mo ne asufoɔ nsu.


Na deɛ ɔwɔ wiase asetenadeɛ, na ɔhunu ne nua sɛ ahia no, na ɔbɔ no ayamuɔnwono no, Nyankopɔn dɔ no te ne mu sɛn?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan