Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 16:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Sɛ onipa akwan sɔ AWURADE ani a, ɔma n’atamfo mpo ne no ntam ba asomdwoeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Sɛ onipa akwan sɔ AWURADE ani a, ɔma n’atamfo mpo ne no ntam ba asomdwoeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Sɛ onipa akwan sɔ Awurade ani a, ɔma nʼatamfo mpo ne no tena asomdwoe mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Sɛ onipa akwan sɔ Awurade ani a, ɔma nʼatamfoɔ mpo ne no tena asomdwoeɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Sɛ onipa akwan sɔ AWURADE ani a, ɔma n’atamfo po ne no ntam ba asomdwoe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 16:7
24 Iomraidhean Croise  

Na Esau tanee Yakob wɔ nhyira a n’agya de hyiraa no no nti. Na Esau kaa no n’akoma mu sɛ: Nna a wɔde bɛsu m’agya no reyɛ abɛn, na merebɛkum me nua Yakob.


Na ɔkaa sɛ: Wɔremfrɛ wo din Yakob bio, na wɔbɛfrɛ no Israel, ɛfiri sɛ wo ne Onyankopɔn ne nnipa ako, na woatumi.


Na Esau tuu mmirika bɛhyiaa no yɛɛ no atuu, na ɔde ne tiri too ne kɔn ho, na ɔfee n’ano, na wɔsui.


Na AWURADE ho hu baa nsase a ɛtwa Yuda ho hyia no ahennie nyinaa so, na wɔne Yehosafat anni ako.


Na Yehosafat ahemman mu dwoe, na ne Nyankopɔn maa no ɔhome afa nyinaa hyiae.


Na wɔde ɔhene mmara no maa ɔhene amradofoɔ ne aberempɔnfoɔ a wɔwɔ Asuogya mantam no; na wɔwowaa ɔman no ne Nyankopɔn fie no.


Na ɛbɛsɔ AWURADE ani yie asene nantwinini a ɔwɔ mmɛn na ne tɔte mu apaeɛ.


Na mɛma ɔman yi anim aba nyam wɔ Misraimfoɔ anim, na ɛbɛba sɛ morekɔ a, morenkɔ no nsapan.


Tenenee mu ade ketewa yɛ sene nnɔbaeɛ pii a ɛmfiri tenenee mu.


N’akwan yɛ akwan a ɛyɛ fɛ, na n’asa nyinaa yɛ asomdwoeɛ.


AWURADE se: Ampa ara, mɛgye wo ama no ayɛ yie, ampa ara, mɛma ɔtamfoɔ abɛpa wo kyɛw, berɛ bɔne ne ahohiahia berɛ mu.


Fa no ma w’ani nku ne ho, na nyɛ no bɔne biara. Na sɛdeɛ ɔbɛka akyerɛ woɔ no, saa ara na yɛ ma no.


na mɛdom mo, na mama wahu mo mmɔbɔ, na wama moasane aba mo asase so.


Na Onyankopɔn maa Daniel nyaa asomfoɔ panin no anim adɔeɛ ne mmɔborɔhunu.


Na afei yɛbɛse yeinom ho deɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie?


Na manya ne nyinaa ama no aboro so. Na ɛfiri sɛ me nsa kaa deɛ mode manee Epafrodito no, mayɛ ma, ɛyɛ ehwa a ɛyɛ dɛ, ɛyɛ afɔrebɔ a wɔgye a ɛsɔ Nyankopɔn ani.


na moanante sɛdeɛ ɛfata Awurade na ɛsɔ n’ani koraa, na moaso adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyini akɔ Nyankopɔn ho nimdeɛ mu.


Mma, montie mo awofoɔ asɛm nnoɔma nyinaa mu, na yei na ɛsɔ Awurade ani.


ɔnsiesie mo adepa biara mu mma monyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ mo mu ade a ɛsɔ n’ani. Ɔno na animuonyam nka no daa daa. Amen.


Na sɛ modi papa akyiri a, hwan na ɔbɛha mo?


na biribiara a yɛsrɛ no, yɛnya firi ne nkyɛn, ɛfiri sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so, na yɛyɛ deɛ ɛsɔ n’ani.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan