Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 16:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 AWURADE yɛ ade nyinaa ma botaeɛ bi nti, ɔbɔnefoɔ mpo ma da bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 AWURADE yɛ ade nyinaa ma botaeɛ bi nti, ɔbɔnefoɔ mpo ma da bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Awurade yɛ biribiara ma nʼankasa botae, mpo, ɔhwɛ omumɔyɛfo so kosi amanehunu da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Awurade yɛ biribiara ma nʼankasa botaeɛ, mpo, ɔhwɛ omumuyɛfoɔ kɔsi amanehunu da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 AWURADE yɛ ade nyinaa ma biribi, ɔbɔnefo mpo ma da bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 16:4
14 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn hunuu deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, na hwɛ, ɛyɛ pa ara. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nsia ne no.


Ɔkyini hwehwɛ aduane, ka sɛ: Ɛhe na ɛwɔ? Ɔnim sɛ esum da abɛn no.


Na wɔakora onipa bɔne de kɔsi sɛeɛ da, wɔde wɔn kɔ aweretɔ da.


Nanso yei nti na mema wogyina hɔ, sɛ mɛyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.


Obiara a ɔyɛ akoma mu dwɛɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, ampa ara, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.


Wayɛ adeɛ nyinaa fɛfɛ ne berɛ mu; bio nso, ɔde mmerɛ santen ho adwene ahyɛ wɔn akoma mu, nanso nnipa ntumi nhunu deɛ Onyankopɔn ayɛ firi mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ no.


ɔman a manwono wɔn mafa no, na wɔaka m’ayeyie akyerɛ.


obiara a wɔbɔ me din frɛ no, na mebɔɔ no memaa m’animuonyam, menwonoo no na meyɛɛ no no.


Ɛfiri sɛ ade nyinaa firi ne mu, na ɛnam ne so ba, na ɛwie ne mu; ɔno na animuonyam wɔ no daa daa. Amen.


Na sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyi n’abufuo adi, na ɔma wɔhunu ne tumidie, nanso ɔde abodwokyɛre bebree kuraa abufuo adeɛ a wɔasiesie ama ɔsɛeɛ no mu,


ne suntiboɔ ne suntiduatoɔ botan ama wɔn. Wɔn na wɔsunti, ɛfiri sɛ wɔntie asɛm no. Ɛno nti na wɔyii wɔn maeɛ.


Na wɔnam anibereɛ so de nnaadaasɛm bɛpɛ mo ho mfasoɔ. Wɔn na ɛfiri tete wɔn atemmuo ntwentwɛn aseɛ, na wɔn sɛeɛ ntɔ nko.


Awurade nim sɛdeɛ ɔbɛyi wɔn a wɔde fɛreɛ som no afiri sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔntene aso de wɔn asie atemmuo da,


Yɛn Awurade ne yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wogye animuonyam ne anidie ne tumi, ɛfiri sɛ wo na wobɔɔ nnoɔma nyinaa, na wo pɛ nti na wɔwɔ hɔ, na wɔbɔeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan