Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 16:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Onipa akwan nyinaa so te n’ani so, na ahonhom karifoɔ ne AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Onipa akwan nyinaa so te n’ani so, na ahonhom karifoɔ ne AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛyɛ onipa sɛ nʼakwan nyinaa yɛ kronkron, nanso Awurade na ɔpɛɛpɛɛ adwene mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛyɛ onipa sɛ nʼakwan nyinaa yɛ kronn nanso Awurade na ɔpɛɛpɛɛ adwene mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Onipa akwan nyinaa so tew n’ani so, na ahonhom karifo ne AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 16:2
23 Iomraidhean Croise  

Na ɔbu ne ho bi ɔno ara ani so sɛ wɔrenhunu n’amumuyɛ na wɔakyi.


Ogyimifoɔ kwan tene n’ani so, na deɛ ɔtie afotuo yɛ onyansafoɔ.


Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛtene wɔ onipa ani soɔ, na mmom n’awieeɛ yɛ owuo kwan.


Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika, na deɛ ɔsɔ akoma hwɛ ne AWURADE.


Onipa kwan biara tene n’ani so, nanso akoma karifoɔ ne AWURADE.


Sɛ wose: Hwɛ, na yɛnnim yei a, deɛ ɔkari akoma no nhunu mu, na deɛ ɔkora wo kra no nnim anaa? Na ɔbɛtua onipa ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ho teɛ wɔ wɔn ara wɔn ani soɔ, nanso wɔntee wɔn ho mfirii wɔn fi mu.


Na onipa akwan da AWURADE anim na ɔtaataa n’anammɔn nyinaa.


Ɔteneneeni kwan yɛ tee, wo na wototo ɔteneneeni tempɔn.


Me, AWURADE, na mehwehwɛ adwene mu, na mesɔ akoma mehwɛ, na mɛma obiara sɛdeɛ n’akwan teɛ, sɛdeɛ ne nneyɛɛ aba no teɛ.


TEKEL, wɔakari wo nsania mu, na wɔahu wo sɛ wonnu;


Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wobɔɔ w’afunumu no mprɛnsa yi? Hwɛ, maba sɛ merebɛsi wo kwan, ɛfiri sɛ wo kwan no ntene wɔ m’anim;


Na ɔsee wɔn sɛ: Moyɛ wɔn a wɔbu wɔn ho bem nnipa anim, nanso Onyankopɔn deɛ, ɔnim mo akoma mu. Na deɛ ɛyɛ kɛseɛ nnipa mu no yɛ akyiwadeɛ Nyankopɔn anim.


Na Tiatira asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na Nyankopɔn Ba a n’ani te sɛ ogyaframa na ne nan te sɛ yaawa fɛfɛ no seɛ:


Na mede owuo bɛkum ne mma, na asafo no nyinaa ahunu sɛ, mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu, na mɛma mo mu biara sɛdeɛ mo nnwuma teɛ.


Nna no mu no, na ɔhene biara nni Israel, obiara yɛ deɛ ɛtene n’ani soɔ.


Na wɔn a wɔde wɔn nsa totoo wɔn ano tafereeɛ no, na ano si nnipa ahasa, na ɔman no nkaeɛ nyinaa kotoo wɔn nankoroma anim nom nsuo no bi.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tenteneyɛ, na mempɛ no; na menhwɛ deɛ onipa hwɛ, na onipa hwɛ deɛ ɛtua aniwa, na AWURADE deɛ, ɔhwɛ akoma mu.


Monnkasa ahantan kasa bebree saa, mommma asɛm denden mmfiri mo anomu, na AWURADE ne Onyankopɔn a ɔhunu adeɛ nyinaa, na ɔno na ɔkari nneyɛɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan