Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 15:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Anigyeɛ akoma ma anim te, na akoma mu awerɛhoɔ bubu honhom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Anigyeɛ akoma ma anim te, na akoma mu awerɛhoɔ bubu honhom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Anigye koma ma anim yɛ sereserew, na koma a abotow dwerɛw honhom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Anigyeɛ akoma ma anim yɛ seresere, na akoma a abotoɔ dwerɛ honhom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Anigye koma ma anim tew, na komam awerɛhow bubu honhom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 15:13
10 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene bisaa me sɛ: Ɛfiri deɛn so na w’anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ sɛɛ, na wonyare nso? Yei nyɛ hwee sɛ akoma mu awerɛhoɔ. Na mesuroo pii pa ara,


Onipa akoma mu awerɛhoɔ boto no, na asɛmpa ma akoma tɔ yam.


Akoma mu dwoɔ yɛ honam nkwa, na nitan yɛ nnompe mu porɔ.


Ɔmanehunufoɔ nna nyinaa yɛ bɔne, na akoma pa te sɛ daa apontoɔ.


Anigyeɛ akoma yɛ aduro pa, na honhom a ɛdi yea no deɛ, ɛwe nnompe mu.


Onipa honhom tumi soa yadeɛ, na honhom a ɛdi yea deɛ, hwan na ɔbɛtumi asoa?


Mommma mo akoma nntutu! Monnye Onyankopɔn nni, na me nso, monnye me nni.


Na yɛn ahohoahoa ne sɛ, yɛn ahonim di yɛn adanseɛ, sɛ yɛnam Nyankopɔn kronkronyɛ ne n’ahoteɛ mu, na ɛnyɛ honam mu nyansa mu, na mmom Nyankopɔn adom mu na yɛnam bɔɔ yɛn bra wiase, ne titire no, mo ntam.


enti afei momfa nkyɛ mmom na monkyekyere ne werɛ, na awerɛhoɔ bebree no ammene no.


Na Nyankopɔn kwan so awerɛhoɔ yɛ adwensakyera a ɛde kɔ nkwagyeɛ mu, a wɔnnu wɔn ho wɔ ho; na ewiase awerɛhoɔ deɛ, ɛma owuo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan