Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 15:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Mmuaeɛ bɔkɔɔ sianka anibereɛ, na asɛmdenden hwanyan abufuo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Mmuaeɛ bɔkɔɔ sianka anibereɛ, na asɛmdenden hwanyan abufuo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Mmuae pa sianka abufuwhyew, nanso asɛm a ano yɛ den hwanyan abufuw mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mmuaeɛ pa dwodwo abufuo, nanso asɛm a ano yɛ den hwanyane abufuo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere, na asɛnnennen hwanyan abufuw mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 15:1
16 Iomraidhean Croise  

Na Israel mmarima no buaa Yuda mmarima sɛ: Yɛwɔ kyɛfa du ɔhene mu, na Dawid mu nso deɛ yɛwɔ sene mo. Adɛn nti na moabu yɛn ketewa, na ɛnyɛ yɛn na yɛdii kan kaa sɛ yɛde ɔhene bɛsane aba? Na Yuda mmarima nsɛm ano yɛɛ den sene Israel mmarima nsɛm no.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ ɛnnɛ woyɛ akoa ma ɔman yi na wosom wɔn na wobua wɔn na woka wɔn asɛmpa a, ɛnneɛ wɔbɛyɛ wo nkoa nna nyinaa.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ ɔman yi yie, na wosɔ wɔn ani, na woka wɔn nsɛm pa a, ɛnneɛ wɔbɛyɛ wo nkoa nna nyinaa.


Ɔbɛkoto asrɛ wo pii, anaa ɔbɛyɛ n’ano brɛbrɛ akyerɛ wo?


Ɔtane hwanyan ntɔkwa, na ɔdɔ kata mfomsoɔ nyinaa so.


Obufufafoɔ hwanyan ntɔkwa mu, na abodwokyɛrefoɔ pata akayɛ.


Abodwokyɛre dane ɔtemmufoɔ ti, na tɛkyerɛmabereɛ bu dompe mu.


Deɛ n’akɔnnɔ so hwanyan ntɔkwa, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no deɛ wɔbɛdɔre sradeɛ.


Obufufafoɔ hwanyan ntɔkwa, na ɔbobɔnefoɔ mmarato dɔɔso.


Fɛdifoɔ sɔ kuro mu gya, na anyansafoɔ sianka abufuo.


Na ɔkaa saa no, ɔmaa edwa no tui.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan