Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 14:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Onitefoɔ nyansa ne sɛ ɔhunu ne kwan mu, na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Onitefoɔ nyansa ne sɛ ɔhunu ne kwan mu, na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Anitewfo nyansa ne sɛ wɔbɛdwene wɔn akwan ho, na nkwaseafo agyimisɛm yɛ nnaadaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Anitefoɔ nyansa ne sɛ wɔbɛdwene wɔn akwan ho, na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Onitefo nyansa ne sɛ ohu ne kwan mu, na nkwasea agyimisɛm yɛ nnaadaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 14:8
21 Iomraidhean Croise  

Nyansa mfitiaseɛ ne AWURADE suro, ɛyɛ nhunumu pa ma wɔn a wɔdi soɔ nyinaa, n’ayeyie gyina hɔ daa.


O, sɛ wɔtenetene m’akwan, na medi w’ahyɛdeɛ so ɛ!


Wo nsa na ɛyɛɛ me na ɛsiesiee me, ma me nteaseɛ, na mensua wo mmara nsɛm.


Ma mente w’adɔeɛ anɔpa, na wo so na mede me ho metoɔ. Ma menhunu kwan a memfa soɔ, na wo na mema me kra so mekyerɛ woɔ.


Ɔbɔnefoɔ yɛ adwuma hunu, na deɛ ɔgu tenenee no nya nokorɛ akatua.


Teneneeni adwene tene, na abɔnefoɔ agyinatuo deɛ ɛyɛ nkontompo.


Agyimisɛm yɛ anigyeɛ ma deɛ ɔnni tire, na nhunumu nipa tene ne nanteɛ.


Ɛno na wobɛhunu tenenee ne atemmuo ne adeɛ a ɛtene ne ɔkwan pa nyinaa mu.


Tenenee tempɔn mu na menam, atemmuo akwan so pɛ,


Na mehunuu sɛ mfasoɔ wɔ nyansa mu sene nkwaseasɛm mu, sɛdeɛ hann mfasoɔ sene esum deɛ no.


Na onyansafoɔ ne ɔkwasea nyinaa, wɔrenkae wɔn daa, ɛfiri sɛ nna a ɛbɛba no mu no na werɛ afiri ne nyinaa dada; na ɛyɛ dɛn na onyansafoɔ ne ɔkwasea nyinaa wuwuo!


Ma w’ani so na hwɛ wɔn a wɔfiri atifi fam reba yi, ɛhe na wo mmoakuo a wɔde maa woɔ, w’animuonyam nnwankuo no wɔ?


Na wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm wɔ Nyankopɔn anim; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Ɔkyere anyansafoɔ wɔn aniteɛ mu.


Ɛne sɛ, mo kane abrabɔ fam deɛ, monyi onipa dada a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no ntwene,


Yei nti monnyɛ nnipa a wɔnni adwene, na mmom monyɛ nnipa a wɔhunu adeɛ a Awurade pɛ yie.


Na nnipa bɔne asisifoɔ bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa na wɔdaadaa wɔn.


Mo mu hwan na ɔyɛ nyansafoɔ ne nimdefoɔ? Ma no mfa ɔbra pa nkyerɛ ne nnwuma wɔ ɔdwoɔ a nyansa wɔ mu mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan