Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 14:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Ogyimifoɔ anomu na n’ahokyerɛ abaa wɔ, na anyansafoɔ ano kora wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ogyimifoɔ anomu na n’ahokyerɛ abaa wɔ, na anyansafoɔ ano kora wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔkwasea kasa ma wɔbɔ nʼakyi abaa, nanso anyansafo ano bɔ wɔn ho ban.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔkwasea kasa ma wɔbɔ nʼakyi abaa, nanso anyansafoɔ ano bɔ wɔn ho ban.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ogyimifo anom na n’ahokyerɛ abaa wɔ, na anyansafo ano kora wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 14:3
21 Iomraidhean Croise  

Ɔbɛkora wo afiri tɛkyerɛma mpire ano, na wɔrensuro sɛeɛ a ɛbɛba.


Ma AWURADE ntwa ano dɛfɛdɛfɛ nyinaa ne tɛkyerɛma a ɛka nsɛnkɛseɛ,


Ma atorofoɔ ano mmua, wɔn a wɔka ɔteneneeni ho nsɛm a ɛyɛ den ahokyerɛ ne aniammɔho mu no.


Me kra da agyata mu, meda wɔn a wɔhome gyaframa mu. Nnipa mma a wɔn se yɛ mpea ne agyan, na wɔn tɛkyerɛma yɛ nkrantɛ nnamnnam.


Abɔnefoɔ nsɛm yɛ mogyatɛ, na teefoɔ ano bɛyi wɔn.


Deɛ ɔkora n’ano hwɛ ne kra so, na deɛ ɔtrɛ n’anomu no nya ɔsɛeɛ.


Deɛ anantwie nnie hɔ no, adidideɛ nso nni hɔ, na nnɔbaeɛ pii wɔ nantwinini ahoɔden mu.


Ɔkwasea ano ma ntɔkwa ba, na n’afono frɛfrɛ asotorɔ.


Ɔkwasea ano ne ne sɛeɛ, na n’anofafa ne ne kra fidie.


Ɔhantanni a wahuhuro, ne din de ɔfɛdifoɔ, ɔdi n’asɛm ahantan ntrasoɔ mu.


Deɛ ɔdua amumuyɛ no bɛtwa mmusuo, na n’anibereɛ abaa bɛhi.


Deɛ n’akɔnnɔ so hwanyan ntɔkwa, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no deɛ wɔbɛdɔre sradeɛ.


ne ne tiri so mmɛn du ne foforɔ a ɛpueeɛ no a mmiɛnsa tutuu wɔ n’anim, abɛn no a ɛwɔ aniwa ne ano a ɛkeka nsɛnkɛseɛ, na wɔhwɛ a, ɔso sene ne mfɛfoɔ no deɛ;


Na wɔkeka akonkosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a wɔdwane firii wɔn a wɔbɔ nnaadaa bra no mu ɛnkyɛreeɛ.


Na wɔnam Adwammaa no mogya ne wɔn adanseɛ asɛm no so adi ne so nkonim, na wɔansuro sɛ wɔbɛwuo.


Ɛsiane sɛ woadi me boasetɔ asɛm soɔ nti, me nso mɛkora wo, sɔhwɛ berɛ a ɛbɛba wiase nyinaa soɔ, sɛ wɔbɛsɔ wɔn a wɔte asase soɔ ahwɛ no, mu.


Monnkasa ahantan kasa bebree saa, mommma asɛm denden mmfiri mo anomu, na AWURADE ne Onyankopɔn a ɔhunu adeɛ nyinaa, na ɔno na ɔkari nneyɛɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan