Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 14:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Deɛ ɔnante ne teeyɛ mu no suro AWURADE, na deɛ ɔkyea n’akwan no bu no animtia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Deɛ ɔnante ne teeyɛ mu no suro AWURADE, na deɛ ɔkyea n’akwan no bu no animtia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nea ne nantew teɛ no suro Awurade, na nea nʼakwan kyea no bu no animtiaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Deɛ ne nanteɛ tene no suro Awurade, na deɛ nʼakwan kyea no bu no animtiaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Nea ɔnantew ne teeyɛ mu no suro Awurade, na nea ɔkyea n’akwan no tew no ahi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 14:2
24 Iomraidhean Croise  

Adɛn nti na woabu AWURADE asɛm animtia ayɛ n’anim bɔne yi? Wode nkrantɛ akum Hetini Uria, na woafa ne yere ayɛ wo yere, na wode Amonfoɔ nkrantɛ adi no awu.


Na Salomo se: Wo na woyɛɛ w’akoa m’agya Dawid adɔeɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ ɔnantee w’anim nokorɛ ne tenenee mu, ne wo ho akoma mu teeyɛ mu, na wode adɔeɛ kɛseɛ yi asie ama no, na woama no ɔba a ɔte n’adwa soɔ, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Ɛde bɛsi nnɛ yi ara, wɔyɛ sɛ kane nneyɛɛ no. Wɔnsuro AWURADE, nso wɔnyɛ sɛdeɛ wɔn ahyɛdeɛ, anaa wɔn atemmudeɛ, anaa mmara, anaa ɛmom a AWURADE hyɛɛ Yakob a ɔtoo no din Israel no mma no.


Ɔbarima bi tenaa Us asase so a ne din de Hiob; na ɔbarima no di mu na ɔtene, na ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho.


Deɛ ne yɔnko sere no ne me, deɛ ɔsu frɛɛ Onyankopɔn na ɔgyee no soɔ, wɔsere ɔteneneeni a ɔdi mu no.


Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ: Hwɛ, AWURADE ho suro, ɛno ne nyansa, na bɔne ho dwanneɛ ne nhunumu.


Monyi AWURADE ayɛ! Nhyira ne onipa a ɔsuro AWURADE, na ɔnya ne mmara ho anika pii.


Ma pɛyɛ ne teeyɛ nhwɛ me so, ɛfiri sɛ m’ani da wo so.


Deɛ ɔyi ne yɔnko ahi nni ti, na nhunumu nipa mua n’ano.


Teefoɔ tempɔn ne bɔne kwatie, deɛ ɔhwɛ ne kwan kora ne kra.


Wɔde adɔeɛ ne nokorɛ kata amumuyɛ so, na wɔde AWURADE suro kwati bɔne.


Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu yɛ sene deɛ ɔkyea n’anomu nsɛm na ɔyɛ kwasea.


wɔn a wɔn atempɔn kyeakyea, na wɔn akwan danedane.


Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu yɛ sene deɛ ɔkyea akwan mmienu mu na wanya ne ho.


Asɛm no awieeɛ, deɛ yɛateɛ nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na yei ne nnipa nyinaa asɛdeɛ.


Deɛ ɔtie mo no, watie me; na deɛ ɔpa mo no, wapa me. Na deɛ ɔpa me no, wapa deɛ ɔsomaa me no.


Na Farisifoɔ no a wɔyɛ sikapɛfoɔ tee yeinom nyinaa; na wɔseree no.


Na wɔbuaa sɛ: Asraafoɔ ɔha so panin Kornelio, onipa tenenee a ɔsuro Onyankopɔn na ɔwɔ din pa Yudafoɔ man nyinaa mu, ɔno na ɔbɔfoɔ kronkron bi yi kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛfrɛ wo mmra ne fie, na ɔntie w’anomu nsɛm.


na mmom ɔman biara mu deɛ ɔsuro no, na ɔyɛ ade tenenee no, ɔpɛ sɛ ɔgye no.


Ɛnna asafo no nyaa asomdwoeɛ Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa, na wɔnyini kɔɔ so; na wɔnam Awurade suro ne Honhom Kronkron awerɛkyekyerɛ mu dɔree.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan