Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 14:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Onyansafoɔ suro, na ɔsane firi bɔne ho, na ɔkwasea de n’ahodasoɔ fa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Onyansafoɔ suro, na ɔsane firi bɔne ho, na ɔkwasea de n’ahodasoɔ fa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Onyansafo suro Awurade na oguan bɔne, nanso ɔkwasea yɛ asowui ne basabasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Onyansafoɔ suro Awurade na ɔdwane bɔne, nanso ɔkwasea yɛ asowuiɛ ne basabasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Onyansafo suro, na ɔsan fi bɔne ho, na ɔkwasea de n’ahodaso fa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 14:16
27 Iomraidhean Croise  

Na Esau kaa sɛ: Deɛ mewɔ dɔɔso, me nua, ma w’adeɛ ntena hɔ mma wo.


Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ yei, na montena ase, na me deɛ, mesuro Onyankopɔn.


Na Isebel somaa ɔbɔfoɔ maa no kɔɔ Elia nkyɛn sɛ: Sei na anyame no nyɛ me, na sei nso na wɔmfa nka ho, sɛ ɔkyena sɛsɛɛ na mama wo kra ayɛ sɛ wɔn mu baako deɛ.


Na ɔse: Sɛ ɔmannwoeɛ so na wɔfirii adie a, monkye wɔn animono, na sɛ ɔko so nso na wɔfirii adie a, monkye wɔn animono.


Na akane amradofoɔ a wɔdii m’anim no yɛɛ ɔman no so adesoa, na wɔgyegyee wɔn hɔ aduane ne nsa, ɛsono dwetɛ nnwetɛbena aduanan nso. Wɔn asomfoɔ nso homm ɔman no so. Na me deɛ, Nyankopɔn ho suro nti, manyɛ saa.


Ɔbarima bi tenaa Us asase so a ne din de Hiob; na ɔbarima no di mu na ɔtene, na ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho.


Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ: Hwɛ, AWURADE ho suro, ɛno ne nyansa, na bɔne ho dwanneɛ ne nhunumu.


Wo ho hu ma me honam popo, na mesuro w’atemmudeɛ.


Yi bɔne ho akwa, na yɛ papa, hwehwɛ asomdwoeɛ, na ti no.


Na ntetekwaa akyirisan bɛku wɔn, na nkwasea yiedie bɛsɛe wɔn.


Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefoɔ hwɛ ne nanteɛ mu yie.


Deɛ ne bo nkyɛre fuo di agyimisɛm, na onipa a ɔpam apammɔne, wɔtane no.


Teefoɔ tempɔn ne bɔne kwatie, deɛ ɔhwɛ ne kwan kora ne kra.


Wɔde adɔeɛ ne nokorɛ kata amumuyɛ so, na wɔde AWURADE suro kwati bɔne.


Onitefoɔ hunu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hunta, nanso adwenemharefoɔ deɛ, wɔkɔhyɛ mu, na wɔnya asotwe.


Nhyira ne onipa a ɔfɛre adeɛ daa daa, na deɛ ɔhyɛ n’akoma den bɛtɔ bɔne mu.


Ɔba nyansafoɔ ne ogyimifoɔ di apereɛ a, ɔyɛ hoo oo, ɔsere oo, home nni mu.


Nyɛ w’ani so onyansafoɔ, suro AWURADE, na dane firi bɔne ho.


Ɔdii n’akyi awerɛfirem sɛ nantwie a wɔrekɔku no, sɛ mpokyerɛ a wɔde twe ogyimifoɔ aso,


N’anomu asɛm mfitiaseɛ yɛ nkwaseasɛm, na ne kasa awieeɛ yɛ adammɔ bɔne.


Na afunumu no hunuu AWURADE bɔfoɔ no no, ɔbutuu fam, Bileam ase; na Bileam bo fui, na ɔde abaa bɔɔ afunumu no.


Na Farisifoɔ no mu bi a wɔne no wɔ hɔ no tee nsɛm yi, na wɔsee no sɛ: Na yɛn nso yɛyɛ anifirafoɔ?


Monyi mo ho mfiri bɔne su nyinaa ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan