Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 13:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Obi yɛ ne ho defoɔ, nso na ɔnni hwee, obi nso yɛ ne ho hiani, nso na ɔwɔ adeɛ pii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Obi yɛ ne ho defoɔ, nso na ɔnni hwee, obi nso yɛ ne ho hiani, nso na ɔwɔ adeɛ pii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Obi yɛ ne ho sɛ ɔdefo, a nso onni hwee, ɔfoforo yɛ ne ho sɛ ohiani, nso ɔwɔ ahonya bebree.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Obi yɛ ne ho sɛ ɔdefoɔ, a nso ɔnni hwee, ɔfoforɔ yɛ ne ho sɛ ohiani, a nso ɔwɔ ahonya bebree.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Obi yɛ ne ho defo, nso na onni hwee, obi nso yɛ ne ho hiani, nso na ɔwɔ ade pii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 13:7
17 Iomraidhean Croise  

Obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so dɔre ara, na obi di adɔna tra so, nanso ɛhia no ara.


Deɛ wɔmmu no nanso ɔwɔ akoa no yɛ sene deɛ ɔhyehyɛ ne ho na n’aduane bɔ no.


Ahonyadeɛ a ɛfiri ahuhudeɛ mu sua, na deɛ ɔde ne nsa ano boaboa ano no ma no dɔ.


Obi kra agyedeɛ ne n’ahonyadeɛ, na ohiani deɛ, ɔnte ntwianim.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkwasea, anadwo yi wɔbɛgye wo kra afiri wo nsam; na nnoɔma a wɔasiesie no bɛyɛ hwan dea?


Saa ara na deɛ ɔhyehyɛ agyapadeɛ ma ne ho, na ɔnyɛ ɔdefoɔ wɔ Nyankopɔn fam no teɛ.


Montɔn deɛ mowɔ mfa nyɛ adɔeɛ, monyɛ sika nkotokuo a ɛrenyɛ dada mfa, ɛne agyapadeɛ a ɛrensa da ɔsoro, deɛ owifoɔ mma ho, na nweweboaa nsɛe no.


Moawie mee dada, aane moawie mo ho nya, moakwati yɛn adi ahene. Sɛ modii ahene ampa a, anka ɛyɛ, na yɛn nso yɛne mo adi bi.


Na yɛwɔ saa agyapadeɛ yi wɔ dɔteɛ anwenneɛ mu, sɛdeɛ wɔbɛma no ada adi pefee na tumi a ɛboro soɔ no ayɛ Nyankopɔn dea, na amfiri yɛn mu.


sɛ awerɛhofoɔ, nanso wɔn ani gye daa; sɛ ahiafoɔ, nanso wɔma nnipa bebree nya wɔn ho; sɛ wɔn a wɔnni hwee, nanso wɔwɔ nnoɔma nyinaa.


Me nuanom adɔfo, montie! Onyankopɔn nyii wiase ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ gyidie mu ahonyafoɔ ne ahennie a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no adedifoɔ anaa?


Wɔhyɛ wɔn adehyedie ho bɔ, na wɔn ara deɛ, wɔyɛ ɔporɔ nkoa, ɛfiri sɛ deɛ adi obi so nkonim no, ɛno na ɛyɛ no akoa.


Menim w’ahohia ne wo hia no, nanso woyɛ ɔdefoɔ, ne wɔn a wɔse wɔyɛ Yudafoɔ, nanso wɔnyɛ, na mmom wɔyɛ Satan hyiadan no abususɛm.


Ɛfiri sɛ wose: Meyɛ ɔdefoɔ na manya me ho, na hwee nhia me, na wonnim sɛ wo ara ne ɔmanehunufoɔ ne mmɔborɔni ne ohiani ne onifirani ne ɔdagyani.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan