Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 12:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Ano mfomsoɔ yɛ fidie ma ɔbɔnefoɔ, na ɔteneneeni bɛfiri ahohiahia mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Ano mfomsoɔ yɛ fidie ma ɔbɔnefoɔ, na ɔteneneeni bɛfiri ahohiahia mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Ɔbɔnefo anosɛm yi no sɛ afiri, nanso ɔtreneeni nya ne ho tetew wɔ ahohia mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Ɔbɔnefoɔ anosɛm yi no sɛ afidie, nanso ɔteneneeni nya ne ho tete wɔ ahohiahia mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Ano mfomso yɛ afiri ma ɔbɔnefo, na ɔtreneeni befi ahohia mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 12:13
21 Iomraidhean Croise  

Ɔbɔfoɔ a ɔyii me bɔne nyinaa mu no, nhyira mmɔfra yi, na wɔmfa me din ne me nananom Abraham ne Isak din mfrɛ wɔn, na wɔnnɔɔso nyɛ pii wɔ asase so.


Nanso Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE a ɔgyee me kra ahohiahia nyinaa mu te aseɛ yi,


Ɛnna Ɔhene Salomo kaa AWURADE ntam sɛ: Onyankopɔn nyɛ me sei na ɔnkɔ so saa, sɛ Adoniya asɛm a waka yi nti wɔakum no a.


Ɔteneneeni amaneɛ dɔɔso, na AWURADE gye no ne nyinaa mu.


Ɔhwɛ ne nnompe nyinaa, sɛdeɛ emu baako mpo mmu.


Wosɛe wɔn a wɔka atorosɛm. AWURADE kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.


Wɔn anomu nsɛm yɛ nsɛmmɔne nko, enti ma wɔnkye wɔn, wɔn ahantan mu, ne nseɛ ne atorɔ a wɔdie no nti.


Hye wɔn abufuo mu, hye wɔn na wɔantena hɔ, na ma wɔnhunu sɛ Onyankopɔn na ɔdi Yakob so hene kɔsi asase ano.


na wɔbɛhwe ase, na wɔn tɛkyerɛma so asɛm abua wɔn atifi, wɔn a wɔhu wɔn nyinaa ho bɛpopo.


Akoma mu nyansafoɔ gye mmara nsɛm, na ogyimifoɔ kurokurofoɔ bɛhwe ase.


Wɔbɛyi ɔteneneeni afiri ahohiahia mu, na ɔbɔnefoɔ abɛsi n’ananmu ahunu amane.


Anyansafoɔ tɛkyerɛma ma nimdeɛ yɛ dɛ, na nkwaseafoɔ ano woro agyimisɛm.


Owuo ne nkwa wɔ tɛkyerɛma tumi so, na deɛ ɔdɔ no no bɛdi n’aba.


Deɛ ɔkora n’ano ne ne tɛkyerɛma no, ɔkora ne kra firi ahohia mu.


sɛ wɔnam w’anomu asɛm so akye wo a,


Ɛyɛ sɛ wosɔ yei mu, na yei nso wonyi wo nsa mfiri ho. Na deɛ ɔsuro Onyankopɔn bɛfiri ne nyinaa mu.


Na ɔhene hyɛe maa wɔde mmarima a wɔtotoo Daniel ano no bae de wɔn bɛguu agyata amena no mu, wɔn ne wɔn mma ne wɔn yerenom; na wɔnnya nnuruu amena no aseɛ no, agyata no faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu.


Na ɔman mu no nyinaa buaa sɛ: Ne mogya mmra yɛn ne yɛn mma tiri so.


Awurade nim sɛdeɛ ɔbɛyi wɔn a wɔde fɛreɛ som no afiri sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔntene aso de wɔn asie atemmuo da,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan