Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 11:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Ɛnam teefoɔ nhyira so na wɔma kuro soɔ, na ɛnam abɔnefoɔ anomu nsɛm so na wɔbɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Ɛnam teefoɔ nhyira so na wɔma kuro soɔ, na ɛnam abɔnefoɔ anomu nsɛm so na wɔbɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Pɛyɛfo nhyira ma kuropɔn no kɔ so, nanso amumɔyɛfo ano ma ɛbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Pɛyɛfoɔ nhyira ma kuropɔn no kɔ so, nanso amumuyɛfoɔ ano bɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Teefo nhyira na ɛma kurow so, na abɔnefo anom nsɛm na ɛbɔ kurow no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 11:11
14 Iomraidhean Croise  

Na afei ɛnyɛ mo na mosomaa me baa ha, na mmom Onyankopɔn na ɔde me abɛyɛ sɛ Farao n’agya ne ne fie nyinaa wura ne Misraim asase nyinaa sodifoɔ.


Na ɔbarima huhuni bi wɔ hɔ a ne din de Seba a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Na ɔhyɛnee totorobɛnto sɛ: Yɛnni kyɛfa biara wɔ Dawid mu, na yɛnni agyapadeɛ Yisai ba no nkyɛn. Israel, monkɔ mo adan mu.


Sɛ deɛ ɔnnii bem mpo, ɔbɛgye no a, ɛnneɛ w’ahoteɛ so na wɔbɛgye wo.


Teneneefoɔ di yie a, ɔman ho sane wɔn, na abɔnefoɔ sɛe a, wɔhuro.


Deɛ ɔyi ne yɔnko ahi nni ti, na nhunumu nipa mua n’ano.


Tenenee nneyɛɛ ma ɔman so, na bɔne deɛ ɛyɛ ɔman biara animguaseɛ.


Asase mmarato na ɛma ɛso ahemfo dɔɔso, na nnipa nhunumufoɔ ne nimdefoɔ na ɛma ɔhene kyɛreɛ.


Fɛdifoɔ sɔ kuro mu gya, na anyansafoɔ sianka abufuo.


na wɔhunuu emu barima hiani nyansafoɔ bi, na ɔde ne nyansa no gyee kuro no; nso obiara ankae onipa hiani no.


Na tɛkyerɛma nso yɛ ogya. Tɛkyerɛma yɛ wiase bi wɔ yɛn akwaa mu a ɛyɛ deɛ ɛntene. Ɛde nkekaeɛ keka nipadua nyinaa, na ɛsɔ nkwa nkyimiiɛ a ɛtwa ne ho firi awoɔ mu no, na ɛfiri amanehunu kuro no mu na wɔasɔ ano.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan