Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 10:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Ɔteneneeni nkaeɛ yɛ nhyira, na abɔnefoɔ din bɛporɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Ɔteneneeni nkaeɛ yɛ nhyira, na abɔnefoɔ din bɛporɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔtreneeni nkae yɛ nhyira, na omumɔyɛfo din bɛporɔw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔteneneeni nkaeɛ yɛ nhyira, na omumuyɛfoɔ din bɛporɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Ɔtreneeni nkae yɛ nhyira, na abɔnefo din bɛporɔw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 10:7
20 Iomraidhean Croise  

Na ne ba no, mede abusuakuo baako bɛma no, deɛ ɛbɛyɛ na kanea atena hɔ ama m’akoa Dawid nna nyinaa wɔ m’anim Yerusalem kuro a mayi mafa sɛ mede me din bɛto hɔ no mu.


Na mɛbɔ kuro yi ho ban na magye no, me ara ne m’akoa Dawid nti!


Na wɔkɔsiee no Dawid kuro mu, ahemfo no nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔdii asɛmpa Israel ne Onyankopɔn ne ne fie no ho.


Na Hesekia tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid mma asieeɛ deɛ ɛkorɔn, na Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa dii no ni wɔ ne wuo mu. Na ne ba Manase bɛdii n’adeɛ.


Ne nkaeɛ bɛsɛe afiri asase so, na ɔrennya din asase ani.


Ɔyafunu a ɛwoo no no werɛ firi no, mmoaa fefe no. Wɔnkae no koraa bio, na wɔbɛbubu amumuyɛ sɛ dua.


Wɔbɛbobɔ nsam agu ne so, na wɔabɔ ne so hwerɛma de no afiri ne tenabea akɔ.


Ma wɔnhye n’ase, ma wɔn din ngu awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ yi mu.


Ɛntena AWURADE anim daa, na ɔntwa wɔn ho nkaeɛ mfiri asase so.


Na ɔrenhinhim da biara da, ɔteneneeni bɛyɛ daa nkaeɛ.


AWURADE ani sa nnebɔneyɛfoɔ, sɛ ɔbɛhye wɔn ase, asase so.


Ateneneefoɔ su frɛ, na AWURADE tie, na ɔgye wɔn firi wɔn ahohia nyinaa mu.


M’atamfoɔ kasa me ho bɔne sɛ: Da bɛn na ɔbɛwuo na ne din ayera?


Din pa na ɛsɛ sɛ wɔyie sene ahonyadeɛ pii, na animuonyam yɛ sene dwetɛ ne sika.


Na saa nso na mehunuu abɔnefoɔ a wɔsiee wɔn; na berɛ a na wɔte aseɛ no, na wɔdi kronkronbea hɔ ahyɛmfire na wɔkamfoo wɔn wɔ kuro a wɔdii bɔne wɔ mu no ara mu. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.


Na mɛsɔre matia wɔn, asafo AWURADE asɛm nie, na matwa din ne wɔn a aka, mma ne mmanana afiri Babel, AWURADE na ɔseɛ.


AWURADE, Israel anidasoɔ, wɔn a wɔgya woɔ nyinaa ani bɛwuwu; wɔn a wɔsane firi m’akyire no, wɔbɛtwerɛ wɔn din, asase so, ɛfiri sɛ wɔagya nkwa asutire AWURADE.


Nokorɛ mese mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, deɛ ɔbaa yi ayɛ yi nso wɔbɛka de ayɛ no nkaeɛ.


ɛfiri sɛ wahwɛ n’afenaa ohia asetena. Na hwɛ, ɛfiri nnɛ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa bɛfrɛ me nhyira;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan