Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 10:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Deɛ ɔboaboa ano ahuhuberɛ no yɛ ɔba nyansafoɔ, na deɛ ɔtɔ nko twaberɛ no yɛ ɔba a ɔhyɛ aniwuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Deɛ ɔboaboa ano ahuhuberɛ no yɛ ɔba nyansafoɔ, na deɛ ɔtɔ nko twaberɛ no yɛ ɔba a ɔhyɛ aniwuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nea ɔboaboa nnɔbae ano wɔ ahuhurubere no yɛ ɔba nyansafo na nea ɔda wɔ twabere mu no yɛ ɔba nimguaseni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Deɛ ɔboaboa nnɔbaeɛ ano wɔ ahuhuro berɛ no yɛ ɔba nyansafoɔ na deɛ ɔda wɔ twaberɛ mu no yɛ ɔba nimguaseni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Nea ɔboaboa ano ahohuru bere no yɛ ɔba nyansafo, na nea ɔtɔ nko twabere no yɛ ɔba a ɔhyɛ aniwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 10:5
10 Iomraidhean Croise  

Ohia bɛhia deɛ ɔtwentwɛn ne nsa aseɛ, na nsiyɛfoɔ nsa ma wɔnya wɔn ho.


Nhyira da ɔteneneeni atifi, na akakabensɛm kata abɔnefoɔ ano.


Ɔyepa yɛ ne kunu abotire, na deɛ ɔka aniwusɛm te sɛ nnompe mu porɔ.


Akoa nimdefoɔ bɛdi ɔba a ɔyɛ aniwudeɛ so, na ɔbɛnya agyapadeɛ mu kyɛfa wɔ anuanom mu.


Deɛ ɔbɔ n’agya atirimuɔden na ɔpamo ne na no yɛ aniwuo ne ahohora ba.


Ɛserɛ kɔ, na wira mono yi adi, na wɔboaboa mmepɔ so nhahamma ano.


Ntɛtea, ɔman a wɔnni ahoɔden biara, nanso wɔsiesie wɔn aduane ahuhuberɛ.


Ɔkwadwofoɔ, kɔ tɛtea nkyɛn, hwɛ n’akwan, na hunu nyansa.


nanso ɔsiesie n’aduane ahuhuberɛ, na ɔboaboa n’adidideɛ ano twaberɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan