Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 10:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Ɔteneneeni ano yɛne nnipa pii, na agyimifoɔ deɛ, etire a wɔnnie nti wɔwuwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Ɔteneneeni ano yɛne nnipa pii, na agyimifoɔ deɛ, etire a wɔnnie nti wɔwuwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Atreneefo ano ma bebree aduan, na atemmu a nkwaseafo nni nti wowuwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Teneneefoɔ ano ho mfasoɔ ma bebree aduane, na atemmuo a nkwaseafoɔ nni enti wɔwuwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Ɔtreneeni ano yɛn nnipa pii, na agyimifo de, ti a wonni nti wowuwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 10:21
28 Iomraidhean Croise  

N’anomu mmara, mamfiri ho, makora n’anomu nsɛm sene deɛ ɛhia me.


Ɔteneneeni ano ka nyansasɛm, na ne tɛkyerɛma bu atɛntenenee;


Ɛsiane sɛ wɔkyiri nimdeɛ, na wɔampɛ AWURADE suro,


enti wɔbɛdi wɔn kwan so aba, na wɔn agyina a wɔtutuiɛ amee wɔn.


Na ntetekwaa akyirisan bɛku wɔn, na nkwasea yiedie bɛsɛe wɔn.


Ɔteneneeni ano yɛ nkwa nsutire, na akakabensɛm kata abɔnefoɔ ano.


Ɛwɔ deɛ ɔworo kasa sɛ nkrantɛ nwowɔeɛ, na onyansafoɔ tɛkyerɛma sa yadeɛ.


Tɛkyerɛmabereɛ yɛ nkwa dua, na emu kyea yɛ honhom mu mmubuiɛ.


Anyansafoɔ ano pete nimdeɛ, na nkwaseafoɔ akoma deɛ ɛntim.


Adɛn nti na sika wɔ ɔkwasea nsam, sɛ ɔde bɛtɔ nyansa, berɛ a ɔnni tire?


na woanka sɛ: Ao, sɛ metanee atenetene, na m’akoma kyirii animka nie!


na woahwɛ adwempa so, na w’ano akora nimdeɛ.


Ɔkwati atenetene nti ɔbɛwu, na n’agyegyentwisɛm dodoɔ nti ɔbɛyera.


Deɛ ɔsɛe awadeɛ no nni ti, deɛ ɔyɛ saa no de sɛe ne kra.


Anyansafoɔ nsɛm te sɛ anantwikafoɔ mpea ne nnadewa a nhyiam mu akunini de ama a ɔhwɛfoɔ baako na ɔde maeɛ.


Enti wɔrebɛtu me man akɔ, nimdeɛ a wɔnnie nti; na ɛkɔm bɛkum n’animuonyamfoɔ, na sukɔm ade wɔn dɔm;


Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ me aduane, na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛ ne akomatɔyam, na wɔde wo din ato me, O AWURADE, asafo Nyankopɔn.


Na mɛma mo ahwɛfoɔ sɛdeɛ m’akoma pɛ, na wɔde nhunumu ne nimdeɛ ayɛne mo.


Nimdeɛ a me man nnie nti, wɔbɛtwa wɔn agu; na wo nso, woapo nimdeɛ nti, mepo wo sɛ: Nni me sɔfoɔ; na wo werɛ afiri wo Nyankopɔn mmara nti, me nso, me werɛ bɛfiri wo mma.


Onipa pa firi nnepa a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi nnepa adie; na onipa bɔne firi nnebɔne a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi nnebɔne adie.


Obiara a ɔte ahennie no ho asɛm, na ɔnte aseɛ no, ɔbɔnefoɔ no ba bɛhwim deɛ wɔagu no n’akoma mu no; oyi ne deɛ wɔguu no kwankyɛn no.


Na sɛdeɛ wɔammu sɛ wɔbɛkura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ deɛ ɛmfata,


Monyɛne Nyankopɔn nnwankuo a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ mu, sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adufudepɛ nti, na mmom akoma a ɛpɛ nti;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan