Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 10:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Ɔdefoɔ ahonyadeɛ ne ne kuro a ɛyɛ den, mmɔborɔfoɔ abuo a ɛbu wɔn ne wɔn hia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Ɔdefoɔ ahonyadeɛ ne ne kuro a ɛyɛ den, mmɔborɔfoɔ abuo a ɛbu wɔn ne wɔn hia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Adefo ahonya yɛ wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban, nanso ahiafo hia yɛ wɔn asehwe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Adefoɔ ahonya yɛ wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban, nanso ahiafoɔ hia yɛ wɔn asehweɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Ɔdefo ahonyade ne ne kurow a ɛyɛ den, abrɛfo abu a ebu wɔn ne wɔn hia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 10:15
13 Iomraidhean Croise  

Wɔde wɔn ho to wɔn ahonyadeɛ so, na wɔde wɔn adedodoɔ hoahoa wɔn ho.


Hwɛ, onipa a wamfa Onyankopɔn anyɛ ne dwanekɔbea, na ɔde ne ho too n’ahodeɛ bebree no soɔ, na ɔhyɛɛ ne ho den, n’anibereɛ mu, no nie.


Ohiani deɛ, ne yɔnko mpo tane no, na ɔdefoɔ adɔfo dɔɔso.


Ɔdefoɔ ahonyadeɛ ne ne kuro a ɛyɛ den, na ɛte sɛ ɔfasuo a ɛkorɔn n’adwene mu.


Ohiani nuanom nyinaa tane no, na nkantom sɛ ne nnamfonom ne ne ntam rentwe, ɔde nsɛm ti wɔn a, ɔnto wɔn.


Na nyansa nwunu ase tena te sɛ sika nwunu ase tena, na nimdeɛ yɛ mfasoɔ, na nyansa gye ne wura nkwa.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Mma onyansafoɔ nnhyehyɛ ne ho ne nyansa ho, na ɔhoɔdenfoɔ nnhyehyɛ ne ho n’ahoɔden ho, na ɔdefoɔ nso nnhyehyɛ ne ho n’ahodeɛ ho,


Na ne nsɛm no yɛɛ asuafoɔ no ahodwiri. Na Yesu bua see wɔn bio sɛ: Mma, sɛ moahunu den a ɛyɛ ma wɔn [a wɔde wɔn ho to ahonyadeɛ soɔ] sɛ wɔbɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu!


na maka makyerɛ me kra sɛ: Ɔkra, wowɔ nnoɔma pa pii a wɔde asie ama mfirinhyia pii. Home, didi, nom, na wo bo ntɔ wo yam!


Adefoɔ a wɔwɔ wiase, kasa kyerɛ wɔn sɛ wɔnnnwene akokurokosɛm, anaasɛ wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyadeɛ a ɛnni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Onyankopɔn a ɔma yɛn nnoɔma nyinaa ma no dɔɔso sɛ yɛnnie no so,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan