Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 1:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na onyansafoɔ ntie, na ne nimdeɛ nnɔɔso, na onimdefoɔ mfa nnya atɛmpa:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na onyansafoɔ ntie, na ne nimdeɛ nnɔɔso, na onimdefoɔ mfa nnya atɛmpa:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 anyansafo ntie na wɔmfa nka nea wonim ho, na nea ɔwɔ nhumu nya akwankyerɛ a

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Anyansafoɔ ntie na wɔmfa nka deɛ wɔnim ho, na deɛ ɔwɔ nhunumu nya akwankyerɛ a

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na onyansafo ntie, na n’adenim nnɔɔso, na onimdefo mfa nnya atɛmpa:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 1:5
18 Iomraidhean Croise  

Na ɔrekasa akyerɛ no no, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Wɔahyɛ wo ɔhene fotufoɔ? Gyae! Adɛn nti na wɔnku woɔ? Na odiyifoɔ no gyaee, na ɔkaa sɛ: Mahunu sɛ AWURADE abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe wo, ɛfiri sɛ woayɛ yei, na woantie m’afotuo no.


Enti mo a mowɔ tire, montie me, ɛmpare Onyankopɔn sɛ ɔbɛdi asɛmmɔne, na Otumfoɔ bɛdi amumuyɛsɛm,


Na sɛ wowɔ nhunumu a, tie yei, yɛ aso ma me nsɛm.


Anyansafoɔ, montie me nsɛm, na mo, animdefoɔ, monyɛ aso mma me.


Nnipa a wɔwɔ tire bɛka akyerɛ me, na ɔbarima nyansafoɔ bɛtie ama me,


Deɛ ɔdɔ atenetene dɔ nimdeɛ, na deɛ ɔtane animka di mmoasɛm.


Ɔfɛdifoɔ hwehwɛ nyansa, nso ɔnnya, na nimdeɛ nyɛ nhunumufoɔ nyana.


Nhunumufoɔ akoma nya nimdeɛ, na anyansafoɔ aso hwehwɛ nimdeɛ akyiri kwan.


Bɔ ɔfɛdifoɔ, na atetekwaa ani bɛte, na ka nhunumufoɔ anim, na wahunu nimdeɛ mu.


Sɛ wɔtea fɛdifoɔ a, atetekwaa hunu nyansa, na onyansafoɔ yiedie mu na ɔnya nimdeɛ.


Montie atenetene na monhunu nyansa, na monnte atua.


Nka ɔfɛdifoɔ anim na wantane wo; ka onyansafoɔ anim, na ɔbɛdɔ wo.


Tu onyansafoɔ fo, na ɔbɛkɔ so ahunu nyansa, ma ɔteneneeni nhunu de, na ɔbɛkɔ so n’adenim mu.


Mesane mehunuu owia yi ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefoɔ deɛ ne ammirikatuo, na ɛnyɛ nnɔmmarima deɛ ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafoɔ deɛ ne aduane, na ɛnyɛ nhunumufoɔ deɛ ne ahonya, na ɛnyɛ animdefoɔ deɛ ne animuonyam, na ɛberɛ ne asiane to wɔn nyinaa.


Mene mo kasa sɛ animdefoɔ. Mommu deɛ mereka yi ho atɛn.


Enti monni so na monyɛ, ɛfiri sɛ ɛno ne mo nyansa ne mo nhunumu, aman a wɔbɛte ahyɛdeɛ yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ: Ampa, ɔman anyansafoɔ ne nhunumufoɔ ne ɔman kɛseɛ yi!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan