Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 1:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Sɛ mafrɛ, na mokame, matene me nsam, na obi mfa nyɛ hwee,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

24 Sɛ mafrɛ, na mokame, matene me nsam, na obi mfa nyɛ hwee,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Nanso sɛ muyii mo aso, bere a mefrɛɛ mo na amfa obiara ho, bere a meteɛɛ me nsa mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Nanso, sɛ moyii mo aso ɛberɛ a mefrɛɛ mo na amfa obiara ho ɛberɛ a metenee me nsa mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 Sɛ mafrɛ, na mokame, mateɛ me nsam, na obi mfa nyɛ hwee,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 1:24
22 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE kasa kyerɛɛ Manase ne ne man no, nanso wɔantie.


Nanso wɔdii Nyankopɔn abɔfoɔ no ho fɛw, na wɔbuu ne nsɛm no animtia, na wɔsereseree n’adiyifoɔ no de kɔsii sɛ AWURADE abufuhyeɛ no sɔre tiaa ne man no a wɔannya ano aduro.


Nso Onyankopɔn kasa prɛko ne deɛ ɛtia mprenu, nanso onipa nnwene ho.


Wode w’anim bɔ wɔn ho ban de wɔn hunta firi nnipa a wɔabɔ kyenku anim, wode wɔn sie ɔsese mu firi tɛkyerɛma birebire ho.


Onipa a wɔka n’anim na ɔsene ne kɔn no, wɔbɛbu no mpofirim a ano nni aduro.


Adɛn nti na mebaeɛ no, na obiara nni hɔ, mefrɛeɛ no, obiara annye soɔ? Me nsa yɛ tiaa sɛ mentumi mennyeɛ, anaasɛ tumi a mede bɛgye nkwa bi nni me mu? Hwɛ, mede me nkaanim mema ɛpo we, mema nsubɔntene danedane anwea pradada so nsuo a ɛnni hɔ nti, emu nam porɔporɔ, na sukɔm kuku wɔn.


me nso mede mo bɛma afena, na wɔakum; ɛfiri sɛ mefrɛe, na moannye so, mekasae, na moantie, na moyɛɛ deɛ ɛyɛ m’ani so bɔne, na deɛ mempɛ na moyiiɛ.


Mebaee me nsam daa nyinaa mekyerɛɛ ɔman asobrakyefoɔ, wɔn a wɔnam ɔkwan a ɛnyɛ so di wɔn adwene akyiri no;


me nso mɛyi amaneɛ bi mama wɔn, na mede deɛ wɔsuro aba wɔn so, ɛfiri sɛ mefrɛe, na obiara annye so, mekasae, na wɔantie, na wɔyɛɛ m’ani so bɔne, na deɛ mempɛ no na wɔyiiɛ.


Ɛno nti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a meka metiaa Yuda ne Yerusalemfoɔ no nyinaa mereba wɔn so, ɛsiane sɛ makasa akyerɛ wɔn, na wɔantie, na mafrɛ wɔn, na wɔannye me so nti.


Asɛm a woreka akyerɛ yɛn AWURADE din mu yi, yɛrentie wo,


Na afei, ɛsiane sɛ moayɛ yeinom nyinaa, AWURADE asɛm nie, na matua nhema makasa makyerɛ mo, makasa na moantie, na mafrɛ mo nso na moannye soɔ nti,


Wo tenabea wɔ nnaadaa ntam; nnaadaa nti wɔmpɛ sɛ wɔhu me, AWURADE asɛm nie.


Na me nso, mɛdi no anibereɛ so; m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; na wɔde nne kɛseɛ bɛsu agu m’aso mu deɛ, nanso merentie wɔn.


Na sɛdeɛ me frɛeɛ na wɔantie no, saa nso na wɔbɛfrɛ na merentie, asafo AWURADE na ɔseɛ.


berɛ a wotene wo nsa sa yadeɛ, na wonam w’akoa kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi.


Na Israelfoɔ ho deɛ, ɔka sɛ: Daa nyinaa metrɛɛ me nsam memaa ɔman asoɔdenfoɔ nyiyianofoɔ.


Na Saulo kɔbisaa AWURADE, nanso daeɛ mu oo, Urim ntonto so oo, adiyifoɔ anomu oo, AWURADE ammua no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan