Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 1:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Monnane mo ho mma me kasakyerɛ. Hwɛ, mɛworo me honhom ama mo, mɛma moahunu me nsɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Monnane mo ho mma me kasakyerɛ. Hwɛ, mɛworo me honhom ama mo, mɛma moahunu me nsɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Sɛ mutiee mʼanimka a, anka mekaa me koma mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ mo ma muhuu me nsusuwii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Sɛ motiee mʼaninka a, anka mekaa mʼakoma mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ mo maa mo hunuu me nsusuiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Monnan mo ho mma me kasakyerɛ. Hwɛ, mɛworo me honhom mama mo, mɛma moahu me nsɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 1:23
26 Iomraidhean Croise  

Mɛma wo so, me Nyankopɔn, ɔhene, na mɛhyira wo din daa daa.


na moto m’afotuo nyinaa twene, na me kasakyerɛ no, mompɛ nti,


wɔampɛ m’afotuo, na wɔpoo me kasakyerɛ nyinaa,


Deɛ ɔbu atenetene fa nkwa kwan so, na deɛ ɔpo animka no fom kwan.


Deɛ ɔdɔ atenetene dɔ nimdeɛ, na deɛ ɔtane animka di mmoasɛm.


Onipa a wɔka n’anim na ɔsene ne kɔn no, wɔbɛbu no mpofirim a ano nni aduro.


Na mmara nsɛm no yɛ kanea, na nkyerɛkyerɛ no yɛ hann, na atenetene nkaanim yɛ nkwa kwan,


Ɛde rekɔsi sɛ wɔbɛfiri soro ahwie honhom no agu yɛn soɔ, na ɛserɛ so adane asasebereɛ a ɛma nnɔbaeɛ, na wɔabu asasebereɛ a ɛma nnɔbaeɛ no sɛ kwaeɛ;


Ɔsoro, momma tenenee mfiri soro nsosɔ, na ɛmfiri mununkum mu ntɔ; asase mmue, na ɛmfa ɔgyeɛ mmra, na ɛmma tenenee nso mfifi mmra: Me, AWURADE, na mebɔeɛ.


Mma akyirisanfoɔ, monsane mmra, AWURADE asɛm nie, na mene mo wura; na mɛfa mo, kuro biara mu, ɔbaako, na abusua biara mu, baanu, na mede mo aba Sion.


Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɔbɔnefoɔ wuo nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsane afiri ne kwan soɔ na wanya nkwa! Monsane, monsane mfiri mo akwammɔne so! Adɛn nti na morewuwuo yi, Israel fie?


Israel, sane bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumuyɛ nti woahwe ase.


Na mobɛhunu sɛ me na mewɔ Israel mu, na mene AWURADE mo Nyankopɔn, na obiara nni hɔ bio, na me man ani renwu da biara da.


Na yei akyiri no, mɛhwie me honhom agu honam nyinaa so, na mo mmabanin ne mo mmammaa ahyɛ nkɔm, na mo mpanimfoɔ asoso daeɛ, na mo mmeranteɛ ahuhunu anisoadeɛ,


Na hwɛ, nna no ne berɛ a mede Yuda ne Yerusalem nnommum bɛsane aba no mu no,


Na mɛhwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na wɔahwɛ deɛ wɔahwire me mu no, na wɔatue ne so su sɛ ɔbakorɔ so su, na wɔatwa ne so agyaadwo a ɛyɛ ya ara sɛ abakan so deɛ.


Na sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ nim sɛdeɛ mode nnepa ma mo mma a, mprɛ ahe ara na mo Agya a ɔwɔ soro no remfa Honhom Kronkron mma wɔn a wɔbisa no?


Na yei deɛ, ɔkaa wɔ Honhom a wɔn a wɔgye no die rebɛnya no ho; na Honhom no nnya mmae, ɛfiri sɛ wɔnnya nhyɛɛ Yesu animuonyam.


na meka mekyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko kane, ne wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea asase nyinaa so, ne amanaman no, sɛ wɔnsakyera wɔn adwene, na wɔnnane mmra Nyankopɔn nkyɛn, na wɔnyɛ nnwuma a ɛsɛ adwensakyera.


Enti monsakyera mo adwene, na monnane mo ho, na wɔapepa mo bɔne,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan