Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 1:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Israelhene Salomo, Dawid ba no mmebusɛm nie:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Israelhene Salomo, Dawid ba no mmebusɛm nie:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Dawid babarima Salomo, Israelhene, mmebusɛm ni:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Dawid babarima Salomo, Israelhene, mmɛbusɛm nie:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Israel hene Solomon, Dawid ba no, mmebusɛm ni:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 1:1
14 Iomraidhean Croise  

Na Salomo tenaa n’agya adwa so, na n’ahennie tim pintinn pa.


Na AWURADE maa Salomo nyansa sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no; na asomdwoeɛ daa Hiram ne Salomo ntam, na wɔn baanu pamee.


Hwɛ, wɔbɛwo ɔbabarima ama wo, ɔno na ɔbɛyɛ asomdwoeɛ nipa, na mɛma ne ho adwo no afiri n’atamfo nyinaa a wɔatwa ne ho ahyia. Na Salomo (a aseɛ ne: Asomdwoeɛni) na ɛbɛyɛ ne din, na asomdwoeɛ ne kommyɛ nso na mede bɛba Israel so ne berɛ soɔ.


na me mma nyinaa mu no, (ɛfiri sɛ AWURADE ama me mma pii,) wayi me ba Salomo sɛ ɔntena AWURADE ahennie adwa a wɔde di Israel soɔ no so.


Na Salomo tenaa AWURADE adwa so dii n’agya Dawid adeɛ, na ɔyɛɛ prɔmprɔm, na Israel nyinaa tiee no.


Na ɔwuu onyini pa mu a nna ne adedodoɔ ne animuonyam amee no. Na ne ba Salomo bɛdii n’adeɛ.


Salomo mmebusɛm. Ɔba nyansafoɔ ma n’agya ani gye, na ɔba kwasea deɛ ɔhyɛ ne na awerɛhoɔ.


sɛ mɛma woahunu nokorɛ nsɛm asetim, na wode nokwasɛm akɔbua wɔn a wɔsoma woɔ no anaa?


Yei nso ne Salomo mmebusɛm bi a Yudahene Hesekia nnipa fa twerɛeɛ.


Dawid ba Ɔsɛnkafoɔ, ɔhene a ɔwɔ Yerusalem no nsɛm nie.


Nanso deɛ ɛka ho a Ɔsɛnkafoɔ no yɛ mu nyansafoɔ no, ɔkyerɛɛ ɔman no nimdeɛ kaa ho, na ɔkarii na ɔpeepee mu, na ɔbubuu mmɛ bebree.


Yeinom na maka mo mmebuo mu; na berɛ no reba a merenkasa menkyerɛ mo mmebuo mu bio, na mɛka Agya no ho asɛm makyerɛ mo pefee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan