Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 7:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na me deɛ, AWURADE na mehwɛ no kwan, mɛtwɛn me nkwagyeɛ Nyankopɔn no. Me Nyankopɔn bɛtie me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na me deɛ, AWURADE na mehwɛ no kwan, mɛtwɛn me nkwagyeɛ Nyankopɔn no. Me Nyankopɔn bɛtie me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Me de, mede anidaso hwɛ Awurade, Metwɛn me Nkwagye Nyankopɔn; na me Nyankopɔn betie me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Me deɛ, mede anidasoɔ hwɛ Awurade, Metwɛn me Nkwagyeɛ Onyankopɔn; na me Onyankopɔn bɛtie me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na me de, AWURADE na mehwɛ no kwan, mɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no; me Nyankopɔn betie me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 7:7
33 Iomraidhean Croise  

AWURADE, wo nkwagyeɛ na mehwɛ no kwan.


Wɔtane me de hyɛ me dɔ ananmu, na me deɛ, mpaeɛ ara na mebɔ.


Mehwɛ AWURADE kwan, me kra rehwɛ kwan, na n’asɛm so na m’ani da.


Ma mennante wo nokorɛ mu, na kyerɛkyerɛ me, ɛfiri sɛ wone me nkwagyeɛ Nyankopɔn, m’ani da wo so daa nyinaa.


Yɛ komm ma AWURADE, na tɔ wo bo ase twɛn no. Nha wo ho, deɛ ne kwan asi no yie no nti, onipa a ɔdi ne bo soɔ no nti.


Na wo, AWURADE, na m’ani da wo soɔ, AWURADE, me Nyankopɔn, wobɛbua.


na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


O mpaebɔ tiefoɔ, wo nkyɛn na nnipa nyinaa ba.


Wo werɛ bɛho atia yɛn akɔsi daa anaa? Wobɛtwe w’abufuo mu akɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu?


Hwɛ, Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ. Mɛtwere no, na mensuro, na AWURADE Nyankopɔn ne m’ahoɔden ne me dwom, na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.


Ɛda no na onipa ani bɛgyina ne yɛfoɔ, na n’ani bɛhwɛ Israel Kronkronni no;


Ɛda no na wɔbɛka sɛ: Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani ada ne so sɛ ɔbɛgye yɛn no nie; AWURADE a yɛn ani daa ne soɔ no nie. Momma yɛnni ahurisie, na yɛn ani nnye ne nkwagyeɛ no mu.


Monnane mo ho mmra me nkyɛn na wɔnnye mo nkwa, mo asase ano nyinaa. Na mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio.


Na mɛtwɛn AWURADE a ɔyi n’ani hunta Yakob fie no, na m’ani da ne so.


Me kra se: AWURADE ne me kyɛfa, ɛno nti m’ani da ne so ara.


Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no bɛtumi ayi yɛn afiri ogya a ɛrefranam fononoo no mu, na ɔbɛgye yɛn afiri wo, ɔhene, nsam.


Na wo nso, sane kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn; sɔ adɔeɛ ne atemmuo mu, na hwɛ wo Nyankopɔn kwan daa daa.


Wo, AWURADE, na mesu mefrɛ woɔ, na ogya ahye ɛserɛ so wira mono, na ogyaframa ahye petee mu nnua nyinaa.


Mɛgyina m’ahwɛeɛ, na mede me ho bɛsi aban so, na masra mahwɛ asɛm ko a ɔbɛka akyerɛ me ne deɛ mede bɛbua no wɔ me nkurobɔ no ho.


Na adehunu no da so kyerɛ berɛ a wɔahyɛ, na ɛrepɛ kwan aba mu, na ɛyɛ nokorɛ nso. Sɛ ɛtwentwɛn ase mpo a, twɛn no ara, na ba deɛ, ɛbɛba, ɛrenka akyi.


Na sɛ ɔbaa no ho nguu fi na ne ho te a, ɛnneɛ ne ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ, na wanya mma.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan