Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 7:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Wɔn mu nipa pa te sɛ hwerɛmo, wɔn mu teefoɔ sene nkasɛɛ ban. W’awɛmfoɔ da no, w’asotwe no reba, ɛno na wɔn sakasakayɛ bɛduro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Wɔn mu nipa pa te sɛ hwerɛmo, wɔn mu teefoɔ sene nkasɛɛ ban. W’awɛmfoɔ da no, w’asotwe no reba, ɛno na wɔn sakasakayɛ bɛduro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nea oye wɔ wɔn mu no te sɛ ohwirem; nea ɔteɛ pa ara no, nsɔeban ye sen no. Wʼatemmuda no aso, da a Onyankopɔn reba wo nsrahwɛ. Eyi ne bere a wɔn ani so bɛyɛ wɔn totɔtotɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Deɛ ɔyɛ wɔ wɔn mu no te sɛ hwerɛmo; deɛ ɔtene pa ara no, nkasɛɛ ban yɛ sene no. Wʼatɛmmuda no aso, ɛda a Onyankopɔn reba wo nsrahwɛ. Yei ne ɛberɛ a wɔn ani so bɛyɛ wɔn totɔtotɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Wɔn mu nipa pa te sɛ ohwirom, wɔn mu teefo sen nsɔe ban. W’awɛmfo da no, w’asotwe aba, ɛno na wɔn sakasakayɛ bedu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 7:4
16 Iomraidhean Croise  

Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no ne ɔsɛeɛ a ɛfiri akyirikyiri reba no mu? Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔgye mmoa, na ɛhe na mobɛgya mo ahodeɛ no?


Na ɛyɛ asafo AWURADE Nyankopɔn, anim hooyɛ ne ntiatiasoɔ ne ahoyera da, adehunu bonhwa no mu, wɔdwiri ɔfasuo no, wɔteam ma no gyegye mmepɔ so.


Pepeaa bɛfifiri asi nkasɛɛ ananmu, na ohwamdua bɛfifiri akraateɛ ananmu; na ɛbɛyɛ din ama AWURADE ne daa nsɛnkyerɛnneɛ a wɔrentwa ntwene.


Wɔyɛ adehunu nko, nnaadaa adwuma; wɔn asotweberɛ no mu, wɔbɛyera.


na nkaeɛ biara renka mma wɔn, na mede bɔne bɛba Anatot mmarima so, wɔn asotwe afe no mu.


N’asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ ne mu no te sɛ anantwie a wɔadɔre sradeɛ, aane, wɔn nso wɔdane wɔn ho bɔ mu dwanedwane; wɔnnyina, ɛfiri sɛ wɔn sɛeɛ da adu, wɔn asotwe berɛ aba wɔn so.


Wɔn ani wuu akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no ho? Dabi, wɔn ani anwu koraa, na wɔn anim nso ansiam. Saa nti wɔbɛtotɔ atɔfoɔ mu, berɛ a mɛba abɛtwe wɔn aso no, wɔbɛhwehwe ase, AWURADE na ɔseɛ.


Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, na nsuro wɔn nsɛm nso, na nsansono ne nkasɛɛ ne wo na ɛwɔ hɔ, na anyanyankyerɛ ho na woteɛ, nanso nsuro wɔn nsɛm, na mma w’akoma nntu wɔ wɔn anim; na wɔyɛ abusua atuatefoɔ.


Na kasɛɛ a ɛwɔ onipa ne hwerɛmo a ɛyɛ ya renka hɔ mma Israel fie bio, mfiri wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia a wɔbu wɔn animtia no nyinaa mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.


Na ɔbisaa sɛ: Amos, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Nnuaba a abereɛ kɛntɛn. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Awieeɛ no aduru ama me man Israel, merenkɔ so mensiane wɔn mu bio.


Na sɛ motoatoam sɛ nwerɛ na mo nsaden nso abobo mo mpo a, mobɛhye koraa sɛ nkyɛnkyɛmma dwaneeɛ.


Na nsɛnkyerɛnneɛ bɛba owia ne ɔsrane ne nsoromma mu, na amanaman ho bɛyera wɔn asase so, ɛpo ne asorɔkyeɛ a ɛrehuro no nti;


Na deɛ ɛfifiri nkasɛɛ ne hwerɛmo no, ɛmfra, na ɛbɛn nnuabɔ a n’awieeɛ ne ɔhyeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan