Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 7:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 yɛn ho na wobɛsane ama ne yam ahyehye wo, wobɛpepa yɛn amumuyɛ. Na wobɛto wɔn bɔne nyinaa agu ɛpo bunu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 yɛn ho na wobɛsane ama ne yam ahyehye wo, wobɛpepa yɛn amumuyɛ. Na wobɛto wɔn bɔne nyinaa agu ɛpo bunu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Wubehu yɛn mmɔbɔ bio, wubetiatia yɛn bɔne so, na woatow yɛn amumɔyɛ agu po bun mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Wobɛhunu yɛn mmɔbɔ bio, wobɛtiatia yɛn bɔne so, na woato yɛn amumuyɛ agu ɛpo bunu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 yɛn ho na ɔbɛsan ama ne yam ahyehye no, ɔbɛpopa yɛn amumɔyɛ; na wobɛtow wɔn bɔne nyinaa agu ɛpo bun mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 7:19
36 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hiahia me sɛ! Ma yɛnhwe AWURADE nsa mu ɛ, na ne mmɔborɔhunu dɔɔso; na nnipa nsam na wɔmmma mennhweɛ.


Sɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no, sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no.


Ɔno na ɔbɛgye Israel afiri n’amumuyɛ nyinaa mu.


Woatwe w’anibereɛ nyinaa, woadane afiri w’abufuo hyehyeɛ no mu.


Na ɔmanfoɔ no mu biara renka sɛ: Mahodwo! Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumuyɛ bɛfiri wɔn.


Hwɛ, me yiedie nti, mehunuu amaneɛ pii; na woayi me kra afiri ɔsɛeɛ amena mu de afam wo ho, ɛfiri sɛ wotoo me bɔne nyinaa guu w’akyi.


Me, me ara, mene deɛ ɔpepa wo mmarato, me ara me nti, na wo bɔne nso, merenkaeɛ.


Efraim yɛ me ɔdɔ ba? Anaa abotɔyam ba? Sɛ dodoɔ ara a mekasa mekyerɛ no yi, nkaeɛ ara na meda so mekae no? Ɛno nti na me nsono mu twitwa ma no, ɔno ho hyehyeɛ na me yam hyehye me ma no, AWURADE asɛm nie.


Na obiara renkyere ne yɔnko na obiara nso renkyerɛ ne nua bio sɛ: Hunu AWURADE, na wɔn nyinaa bɛhu me afiri wɔn mu akumaa so akɔsi wɔn mu ɔkɛseɛ so, AWURADE asɛm nie; na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.


na mɛte wɔn ho afiri wɔn amumuyɛ a wɔde ayɛ me bɔne no nyinaa mu, na mede wɔn amumuyɛ a wɔde ayɛ me bɔne na wɔde afom me no nyinaa makyɛ wɔn.


Nna no mu, ne berɛ no mu, AWURADE asɛm nie, na wɔbɛhwehwɛ Israel amumuyɛ, nso na ɛnni hɔ, ne Yuda bɔne, na wɔrenhunu, na mede bɛfiri wɔn a memaa wɔkaeɛ no.


Ɛyɛ AWURADE adɔeɛyɛ nti na yɛnwiee sa, na ne mmɔborɔhunu to ntwae.


na sɛ ɔhyɛ wo awerɛhoɔ mpo a, ne yam hyehye no, sɛdeɛ n’adɔeɛyɛ dodoɔ no teɛ;


Ne mmarato adeɛ a ɔyɛeɛ nyinaa, wɔrenkae mma no bio; ne tenenee a wayɛ no mu na ɔbɛnya nkwa.


Na merenyi m’ani nhunta wɔn bio, ɛfiri sɛ mahwie me honhom agu Israel fie so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Wɔahyɛ mfeɛ aduɔson ahodoɔ nson wɔ wo man ne wo kuro kronkron no so, sɛ wɔnwie mmarato na wɔmma bɔne nwie du, na wɔmpata amumuyɛ na wɔmfa daa tenenee mmra, na wɔnsɔ anisoadehunu ne adiyisɛm ano na wɔnsra akronkronneɛ mu ade kronkron.


Momfa nsɛm nkura nsane mmra AWURADE nkyɛn; monka nkyerɛ no sɛ: Fa amumuyɛ nyinaa kyɛ, na gye papa, na yɛmfa yɛn ano nyɛ anantwinini mmɛbɔ afɔdeɛ.


Mɛsa wɔn akyirisan mu yadeɛ, mɛyi me yam madɔ wɔn, na m’abufuo adane afiri ne so.


Na ɔbɔfoɔ no buaa see wɔn a wɔgyinagyina n’anim no sɛ: Monyi ne ho ntade fi no. Na ɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mama w’amumuyɛ no afiri wo so kɔ, na mede ntadeɛ nsakyeraho mahyɛ wo.


Na bɔne renni mo so, ɛfiri sɛ monni mmara ase, na mmom mowɔ adom ase.


Na sɛ mote ase honam fam a, mobɛwu; na sɛ monam honhom no mu kum nipadua no nneyɛɛ a, mobɛtena ase.


ɛnneɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɛdane wo dommum no, na ne yam ahyehye no ama wo, na wasane aboa wo ano afiri aman a AWURADE wo Nyankopɔn apansam wo akɔ hɔ no nyinaa mu.


Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma wo ne w’asefoɔ akoma a ɛdwoɔ, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa adɔ AWURADE wo Nyankopɔn na woanya nkwa.


Na AWURADE bɛbu ne man atɛn, na ne nkoa bɛyɛ no mmɔbɔ, berɛ a ɔbɛhunu sɛ wɔahodwo koraa, na akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ bio.


Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Na mɛdom wɔn amumuyɛ ho, na wɔn bɔne deɛ, merenkae bio.


Deɛ ɔyɛ bɔne no firi ɔbonsam, ɛfiri sɛ ɔbonsam na ɔfiri mfitiaseɛ yɛɛ bɔne. Yei nti na Nyankopɔn Ba no bɛyii ne ho adi sɛ ɔbɛsɛe ɔbonsam nnwuma.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan