Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 7:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Fa wo poma yɛne wo man, w’agyapadeɛ nnwan a wɔn nko ara te kwaeɛm, Karmel atifi no. Ma wɔnnidi Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Fa wo poma yɛne wo man, w’agyapadeɛ nnwan a wɔn nko ara te kwaeɛm, Karmel atifi no. Ma wɔnnidi Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Fa wo pema di wo nkurɔfo anim, nguan a wɔyɛ wʼagyapade no, a wɔn nko ara tete kwae mu, wura frɔmfrɔm adidibea hɔ. Ma wonnidi wɔ Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Fa wo poma di wo nkurɔfoɔ anim, nnwan a wɔyɛ wʼagyapadeɛ no, a wɔn nko ara tete kwaeɛ mu wira frɔmfrɔm adidibea hɔ. Ma wɔn nnidi wɔ Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Fa wo poma yɛn wo man, w’agyapade nguan a wɔn nko te kwaem, a asase pa atwa ho ahyia no; ma wonnidi Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 7:14
35 Iomraidhean Croise  

Monhunu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn, ɔno na ɔyɛɛ yɛn, ɔno na yɛwɔ no na yɛnne yɛn ho, na yɛyɛ ne man ne n’adidibea nnwan.


Mekae tete nna, medwene wo nneyɛɛ nyinaa ho, mesusu wo nsa ano nnwuma ho.


Boa wo man, na hyira w’apɛgyadeɛ, na yɛne wɔn, na ma wɔn so daa.


Na ɔno ne yɛn Nyankopɔn, na yɛn deɛ, yɛyɛ n’adidibea nkurɔfoɔ ne ne nsam nnwan. Ɛnnɛ mote ne nne no ɛ!


Na ɛdeɛn na wɔde bɛhunu wɔ ha sɛ me ne wo man yi anya w’anim adom, ɛnyɛ wo korɔ a wo ne yɛn bɛkorɔ no? Na me ne wo man yi ada nso wɔ aman a wɔwɔ asase ani nyinaa mu.


Hwɛ, wo ho yɛ fɛ, me dɔfoɔ, hwɛ, wo ho yɛ fɛ, na w’aniwa yɛ aborɔnoma ani, w’anim nkatanim mu. Wo nwi te sɛ mmirekyikuo a wɔsiane wɔ Gilead bepɔ ho.


Na da no, wɔbɛhyɛn totorobɛnto kɛseɛ, na wɔn a wɔyeraa Asiria asase soɔ, ne wɔn a wɔsumm wɔn kɔɔ Misraim asase soɔ no aba, na wɔabɛsɔre AWURADE, bepɔ kronkron no so wɔ Yerusalem.


nhyerɛne ara na ɛbɛguo, ahosɛpɛ ne osebɔ mu ara na ɛbɛdi ahurisie; wɔde Lebanon animuonyam bɛma no, Karmel ne Saron nso bɛnya wɔn tumi, wɔn na wɔbɛhunu AWURADE animuonyam, yɛn Nyankopɔn tumi no.


Wonam wo nkoa so asopa AWURADE aka sɛ: Mede me nteaseɛnam dodoɔ maforo makɔ mmepɔ atifi, Lebanon mu nohoa tɔnn; na matwitwa ne ntweneduro atentene ne ne pepeaa a ɛyɛ fɛ no agu, na makɔ makɔduru ne mmepɔ a ɛwɔ akyirikyiri no so, ne ne kwaeɛbirentuo mu.


Ɔbɛyɛne ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ, ɔbɛturu nnwammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nnwan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛɛ.


ɛkɔm renne wɔn, na sukɔm renne wɔn, na kumaforoteɛ ne owia renka wɔn, na deɛ ɔhu wɔn mmɔborɔ no bɛgya wɔn, na wakyerɛ wɔn mmasuo so kwan.


Na Saron bɛdane nnwankuo adidibea, na Akor bonhwa no ayɛ anantwie dabea ama me man a wɔhwehwɛ m’akyiri kwan no.


Monsɔre ntu ɔman a wɔn ho dwoɔ a wɔte hɔ dwoodwoo no so sa, AWURADE asɛm nie. Wɔnni apono ne akyire adaban, wɔn nko ara na wɔte hɔ.


Yerusalem amaneɛ ne n’ahometeɛ nna yi mu wakae n’afɛfɛdeɛ a na ɛwɔ hɔ firi tete nna mu no nyinaa; ne nkurɔfoɔ hwee ɔhohiahiafoɔ nsam na wannya ɔboafoɔ biara no, n’ahohiahiafoɔ ani gyee, na wɔseree no n’ahweaseɛ mu.


AWURADE, sane yɛn bra wo nkyɛn, na yɛnsane, ma yɛn nna nyɛ foforɔ sɛ tete deɛ no.


Na mɛma nnipa ne afieboa adɔɔso mo so, na wɔadɔre awowo bebree, na mama wɔatena mo so sɛ akane berɛ no, na mayɛ mo yie asene mo mfitiaseɛ, na moahunu sɛ mene AWURADE.


Na anantwie ne nnwan mu ntotosoɔ du du nyinaa, adeɛ a ɛfa odwanhwɛfoɔ poma ase nyinaa mu deɛ ɛtɔ so du du no, ɛnyɛ kronkron mma AWURADE.


Ɛda no, mɛma Dawid sese a ahwe aseɛ no agyina hɔ, na mapempam wɔn mpaepaeɛ no, na magyina n’afasusini, na mato no sɛ tete nna no.


Na anafoɔ famfoɔ bɛfa Esau bepɔ adi so, na asaseta sofoɔ bɛfa Filistifoɔ deɛ adi so, na wɔbɛfa Efraim asase ne Samaria asase adi so, na Benyamin afa Gilead adi so.


Na ɔbɛgyina hɔ ayɛne wɔn, AWURADE ahoɔden mu, AWURADE ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu, na wɔatena ase; na afei ɔbɛyɛ kɛse akɔsi asase awieeɛ.


Israel nkaeɛ no renyɛ akɔntɔnkyedeɛ, na wɔrenka atorosɛm, na wɔrenhunu nsisie tɛkyerɛma wɔn anomu, na wɔn deɛ, wɔbɛyɛne wɔn ho na wɔabutubutu hɔ, na obiara renyi wɔn hu.


Na mɛma wɔasane afiri Misraim asase so aba, na mɛboa wɔn ano afiri Asiria, na mede wɔn aba Gilead ne Lebanon asase so, na wɔrennya kwan mpo mma wɔn.


Na meyɛnee okum nnwankuo no, nnwan a wɔyɛ mmɔborɔ no wɔ mu saa ara; na mefaa mpoma mmienu, mefrɛɛ baako sɛ: Adom, na mefrɛɛ baako sɛ: Nkyekyerebomu; na meyɛnee nnwankuo no.


ɛno ansa na Yuda ne Yerusalem ayɛyɛdeɛ bɛsɔ AWURADE ani sɛ tete nna ne kane mfeɛ no.


Abotan atifi na mefiri mehu no, na nkokoɔ so na mefiri megyene no: Hwɛ, ɔman a ne nko bɛtena nie, na wɔremmu wɔn mfra wiase aman.


Na Ruben mma ne Gad mma no wɔ mmoa pii a wɔdɔɔso pa ara, na wɔhunuu Yaser ne Gilead asase, na hwɛ, na ɛhɔ yɛ baabi a ɛyɛ ma mmoa.


asase a AWURADE abrɛ no aseɛ Israel asafo anim no, yɛ asase a ɛyɛ ma mmoa; na yɛn wo nkoa wɔ mmoa.


Na wo Betlehem, Yuda asase, wonyɛ Yuda asafohene mu akumaa, ɛfiri sɛ wo mu na ɔsafohene a ɔbɛhwɛ me man Israel so no bɛfiri aba.


Wɔmfiri wiase, sɛdeɛ me nso memfiri wiase no.


Na Israel bɛtena hɔ dwoodwoo, Yakob asubura no nkutoo, ɔbɛtena aburoo ne nsa asase so; ne soro nso bɛsosɔ obosuo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan