Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 7:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Ɛda a wɔbɛto wo fasuo no reba; ɛda no so na w’ahyeɛ bɛkɔ akyirikyirie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Ɛda a wɔbɛto wo fasuo no reba; ɛda no so na w’ahyeɛ bɛkɔ akyirikyirie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Da a wɔbɛto wʼafasu no bɛba, da a wɔbɛtrɛw wʼahye mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛda a wɔbɛto wʼafasuo no bɛba, ɛda a wɔbɛtrɛ wʼahyeɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Ɛda a wɔbɛto wo fasu no reba; ɛda no na wobetwiw wo hye akɔ akyirikyiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 7:11
12 Iomraidhean Croise  

Ɛnna mesee wɔn sɛ: Mo ara mohunu amaneɛ a yɛwɔ mu, sɛ Yerusalem ayɛ akurofo, na ɛho apono nso, wɔde ogya ahyeɛ. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasuo no, na yɛanyɛ ahohora bio.


ne nwoma nso a mede bɛkɔ akɔma ɔhene kwaeɛhwɛfoɔ Asaf, sɛ ɔmma me nnua a mede bɛyɛ aban a ɛwɔ efie no ho apono no mpuna, ne kuro no fasuo no deɛ, ne efie a merekɔ mu no deɛ no. Na me Nyankopɔn ayamyɛ nsa a ɛwɔ me soɔ no nti, ɔhene no maa me.


Na Amonni Tobia a ɔgyina ne nkyɛn no kaa sɛ: Deɛ wɔretoɔ yi mpo, sɛ sakraman foro a, ɔbɛbu wɔn aboɔ fasuo no.


Na yɛtoo ɔfasuo no, na wɔtoatoaa ɔfasuo no nyinaa so kɔduruu ne fa so, ɛfiri sɛ, na ɔman no wɔ adwene pa ma adwuma no.


O mmɔborɔni a ahum bɔɔ woɔ a wɔnkyekyeree wo werɛ, hwɛ, me ara mede w’aboɔ bɛtoto anintɔnka adubire mu, na mede hoa aboɔ mato wo fapem,


Ma wo ntomadan mu ntrɛ, na wɔntwe wo tenabea ho nkataho no mu, nnodo ho. Ma wo ntampehoma nware, na ma wo mpɛɛwa ntintim.


Na wo mufoɔ bɛkyekyere tete akurofo, wobɛma awoɔ ntoatoasoɔ ahodoɔ fapem agyina, na wɔafrɛ wo ɔpamago, deɛ ɔtoto akwan sɛ nnipa ntena hɔ.


Na wɔbɛkyekyere tete akurofo ama akanefoɔ amamfo so agyina, na wɔayɛ nkuro agoago ne awoɔ ntoatoasoɔ amamfo no foforɔ.


Enti hunu sɛ: Ɛfiri asɛm a ɛka sɛ wɔnsane nkyekyere Yerusalem nsi n’ananmu no soɔ de kɔsi ɔberempɔn a wɔasra no soɔ yɛ mfeɛ nson, na mfeɛ nson ahodoɔ aduosia mmienu, wɔbɛsane akyekyere, mmorɔno ne afasuo, nanso ahohiahia berɛ mu na ɛbɛyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan