Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 6:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Wɔaka deɛ ɛyɛ akyerɛ wo, onipa, ne deɛ AWURADE hwehwɛ no wo hɔ, ɛnyɛ biribiara sɛ adeteneneeyɛ ne adɔeɛpɛ ne ahobrɛaseɛ a wode ne wo Nyankopɔn nanteɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Wɔaka deɛ ɛyɛ akyerɛ wo, onipa, ne deɛ AWURADE hwehwɛ no wo hɔ, ɛnyɛ biribiara sɛ adeteneneeyɛ ne adɔeɛpɛ ne ahobrɛaseɛ a wode ne wo Nyankopɔn nanteɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔde nea eye akyerɛ wo, Ao onipa. Na dɛn na Awurade hwehwɛ afi wo hɔ? Yɛ adetrenee ne mmɔborɔhunu, na wo ne wo Nyankopɔn nnantew ahobrɛase mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔde deɛ ɛyɛ akyerɛ wo, Ao onipa. Na ɛdeɛn na Awurade hwehwɛ afiri wo hɔ? Yɛ adetenenee, hunu afoforɔ mmɔbɔ, na wo ne wo Onyankopɔn nnante ahobrɛaseɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Wɔaka nea eye akyerɛ wo, onipa, ne nea AWURADE hwehwɛ wo hɔ, ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 6:8
66 Iomraidhean Croise  

Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fiefoɔ a ɛbɛdi n’akyire sɛ wɔnni AWURADE kwan so nyɛ tenenee ne atɛntenenee adeɛ, na AWURADE ama deɛ waka no Abraham ho no aba ne so.


Na Henok woo Metusela no akyiri no, ɔne Onyankopɔn nantee mfirinhyia ahasa, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa.


Nanso ebinom a wɔfirii Aser ne Manase ne Sebulon brɛɛ wɔn ho ase na wɔbaa Yerusalem.


Na Hesekia sane brɛɛ ne ho ase n’akoma ahantan no ho, ɔno ne Yerusalemfoɔ nyinaa, enti AWURADE abufuo no amma wɔn so Hesekia berɛ so.


Na ne mpaebɔ ne sɛ wɔtiee no no, ne ne bɔne ne mmarato nyinaa, ne faako a ɔtotoo sorɔnsorɔmmea, na ɔsisii Asera nnua ne ahoni ansa na ɔrebrɛ ne ho aseɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no adehunufoɔ nsɛm mu.


Na wammrɛ ne ho ase AWURADE anim sɛdeɛ n’agya Manase brɛɛ ne ho aseɛ no, na ɔno Amon maa mfomsoɔ dɔɔso.


sɛ w’akoma ayɛ bɛtɛbɛtɛ, na woabrɛ wo ho ase Nyankopɔn anim, ɛberɛ a wotee ne nsɛm, ɛha yi ne ɛhafoɔ ho, na woabrɛ wo ho ase m’anim asunsuane wo ntadeɛ mu, asu m’anim nti, me nso mate, AWURADE na ɔseɛ.


Nso wosiane baa Sinai bepɔ so, na wofiri soro ne wɔn kasae, na womaa wɔn tenenee atemmudeɛ ne nokorɛ mmara, ahyɛdeɛ ne mmara nsɛm a ɛyɛ.


Mɛto adɔeɛ ne atemmuo ho dwom, wo, AWURADE, na mɛto dwom yi mama woɔ.


Hann pue sum mu ma nnipa tenenee, ɔne ɔdomfoɔ, mmɔborɔhunufoɔ ne ɔteneneeni.


Ɔto pete, ɔyɛ ahiafoɔ yie; ne tenenee wɔ hɔ daa, wɔbɛma n’abɛn so, animuonyam mu.


Ɔhunu mmɔbɔ daa, na ɔde fɛm, na n’asefoɔ nso yɛ nhyira.


Na me deɛ, Nyankopɔn nkyɛn tena yɛ ma me, mede AWURADE Nyankopɔn mayɛ me dwanekɔhyɛbea na maka wo nnwuma nyinaa.


Asɛnteneneedie ne atɛntenenee sɔ AWURADE ani sene afɔrebɔ.


Asɛm no awieeɛ, deɛ yɛateɛ nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na yei ne nnipa nyinaa asɛdeɛ.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Monni atemmuo so, na monyɛ adetenenee, na me nkwagyeɛ reyɛ aba, na wɔrebɛyi me nkwagyeɛ adi.


Na sɛ deɛ ɔkorɔn na wɔama no soɔ, deɛ ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no seɛ nie: Mete soro ne deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ne deɛ wabubuo na ne honhom brɛ aseɛ no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefoɔ honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya nkwa.


Na yeinom nyinaa, me nsa na ɛyɛeɛ, saa nti yeinom nyinaa yɛ me dea, AWURADE asɛm nie. Na deɛ mɛhwɛ no nie: Deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ, na ne honhom abubuo, na ne ho popo m’asɛm ano.


Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa no, enti nso na ɛsii no yie. Ɛnyɛ yei ne me ho nimdeɛ? AWURADE asɛm nie.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Mommu atɛntenenee nyɛ ade tenenee, na monyi deɛ wɔafom no afa mfiri omimfoɔ nsam, na ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ, monnhom wɔn so, mommmɔ wɔn atirimuɔden, na mogya a ɛdi bem nso, monnhwie nngu wɔ ha yi.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Mma onyansafoɔ nnhyehyɛ ne ho ne nyansa ho, na ɔhoɔdenfoɔ nnhyehyɛ ne ho n’ahoɔden ho, na ɔdefoɔ nso nnhyehyɛ ne ho n’ahodeɛ ho,


Ɛyɛ sɛ wɔyɛ komm twɛn AWURADE nkwagyeɛ;


deɛ ɛbɛyɛ na woakaeɛ, na w’ani awuo, na w’aniwuo nti woammue w’ano bio, sɛ makata deɛ woyɛeɛ no nyinaa so mama woɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ: Wuo na wobɛwuo, na ɔsane firi ne bɔne mu bɛyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ,


Afei me, Nebukadnessar, mekamfo ɔsoro hene mema no so meyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛɛ nyinaa yɛ nokorɛ, na n’akwan yɛ atɛntenenee, na wɔn a wɔnam ahantan soɔ no, ɔtumi brɛ wɔn ase.


Na wo nso, sane kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn; sɔ adɔeɛ ne atemmuo mu, na hwɛ wo Nyankopɔn kwan daa daa.


Na mepɛ adɔeɛyɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ, ne Nyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ.


me nso mene wɔn dii asie, na mede wɔn kɔɔ wɔn atamfoɔ asase so; — na sɛ afei wɔn akoma momonoto no bɛbrɛ ase na wɔapene wɔn amumuyɛ ho asotwe no so a,


Na atemmuo mmuni mmra sɛ nsuo, na tenenee mmra sɛ asuo a ɛsene daa.


AWURADE nne refrɛ kuro no, na wɔn a wɔsuro no no yɛ anyansafoɔ, montie ntea ne deɛ ɔhyɛeɛ no.


Monhwehwɛ AWURADE, asase sofoɔ a mobrɛ mo ho aseɛ nyinaa a moyɛ n’atemmudeɛ! Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ. Ebia wɔbɛkora mo, AWURADE abufuo da no.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Mommu nokwatɛn, na onipa ne ne nua nni no adɔeɛ ne mmɔborɔhunu so.


Nhyira ne honhom mu ahiafoɔ, na wɔn na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.


Nhyira ne mmɔborɔhunufoɔ, na wɔn na wɔbɛhu wɔn mmɔbɔ.


adeɛ baako na ɛhia: Maria deɛ, wayi deɛ ɛyɛ no, ɛno na wɔrennye ne nsam.


Na mo Farisifoɔ, monnue sɛ momma ɛme ne nunum ne fan nyinaa so ntotosoɔ du du, na mogya atemmuo ne Nyankopɔn dɔ hɔ. Yei na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mogya deɛ ɛka ho no hɔ.


Na ɔbisaa no sɛ: Onipa, hwan na ɔde me sii mo so sɛnnifoɔ anaa ɔdekyɛfoɔ?


Enti monyɛ ntimmɔborɔ sɛdeɛ mo agya nso yɛ ntimmɔborɔ no.


Na sɛ deɛ mempɛ no na meyɛ a, ɛnneɛ na mepene so sɛ mmara no yɛ.


Ɛnneɛ, onipa, hwan ne wo a wotuatua Onyankopɔn asɛm ano? Anwonneɛ bɛse ɔnwomfoɔ sɛ: Adɛn nti na woyɛɛ me sɛɛ?


Na ɔyere, wonim sɛ, ebia wo na wobɛgye wo kunu nkwa? Anaasɛ, okunu, wonim sɛ, ebia wo na wobɛgye wo yere nkwa?


Na momma mo yam nyɛ yie na ɛnhyehye mo mmema mo ho, momfa nkyekyɛ mo ho, sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de kyɛɛ mo no.


enti tie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi so.


Hwɛ, ɛnnɛ mede nkwa ne papa ɛne owuo ne bɔne masi w’anim,


Enti ɛnam sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi mo, ahotefoɔ ne adɔfo yi, monhyɛ timmɔborɔ, ayamyɛ, ahobrɛaseɛ adwene, ɔdwoɔ ne abodwokyɛre.


Na ɔno yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn Agya Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekyerɛ ne anidasoɔ pa adom mu no,


Na wo, onipa hunu, wopɛ sɛ wɔkyerɛ wo sɛ gyidie a adwuma nni ho awu anaa?


Na afei monsuro AWURADE na monsom no mudie ne nokorɛ mu, na mompa anyame a mo agyanom som wɔ asuogya ne Misraim no, na monsom AWURADE.


N’awieeɛ ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkorɔ, monhunu mmema mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmema mo ho, monnwene ahobrɛaseɛ adwene.


me nso, ɛmpare me sɛ mɛgyae mo ho mpaebɔ de ayɛ AWURADE bɔne; na mɛkyerɛ mo kwan pa a ɛtene no.


Na Samuel kaa sɛ: AWURADE pɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ sene tie a wobɛtie AWURADE anaa? Hwɛ, setie yɛ sene afɔdeɛ, na asoɔmmerɛ kyɛne nnwennini sradeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan