Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 6:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 AWURADE ani bɛsɔ adwennini mpem ahodoɔ, ngo sɛ asutene mpem du du? Me mmarato nti memfa m’abakan memma, anaasɛ me yafumma, me kra bɔne nti?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 AWURADE ani bɛsɔ adwennini mpem ahodoɔ, ngo sɛ asutene mpem du du? Me mmarato nti memfa m’abakan memma, anaasɛ me yafumma, me kra bɔne nti?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade ani bɛsɔ adwennini mpempem ne ngodua mu ngo asuten mpem du ana? Memfa mʼabakan mmɔ me bɔne ho afɔre, anaa me yafunumma, me kra bɔne nti?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade ani bɛsɔ nnwennini mpempem ne ngo ɔpedu a ɛretene sɛ nsubɔntene anaa? Memfa mʼabakan mmɔ me bɔne ho afɔdeɛ, anaa me yafunu mu mma, me kra bɔne nti?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 So AWURADE ani bɛsɔ adwennini mpem mpem, anaa ngo asuten mpem du du? So me mmarato nti memfa m’abakan memma, anaasɛ me yafumma, me kra bɔne nti?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 6:7
29 Iomraidhean Croise  

Na ɔfaa Israel ahemfo kwan so, na ne ba mpo ɔde no bɔɔ afɔdeɛ sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn firii Israel mma anim no akyiwadeɛ a na wɔyɛ.


Na ɔmaa ne babarima faa ogya mu de bɔɔ afɔdeɛ, na ɔyɛɛ abayideɛ ne adebisadeɛ, na ɔhyehyɛɛ asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ, ɔmaa bɔne a ɔyɛeɛ no dɔɔso AWURADE ani so de huruu ne bo.


Na ɔguu Tofet a ɛwɔ Hinom mma bonhwa mu no ho fi, na obiara amma ne babarima anaa ne babaa amfa ogya mu amma Molek bio.


Ɛnna ɔfaa n’abakan a anka ɔbɛsi n’ananmu adi hene no, na ɔde no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ɔfasuo no so. Na abufuo kɛseɛ baa Israel mu, na wɔfirii ne ho sane baa wɔn asase so.


berɛ a me nan ho fɔɔ nufosuo mu sradeɛ mu, na abotan maa ngo asubɔnten senee me hɔ no.


Meremfa wo fie mu nantwinini, wo nnwammuo mu mpapo,


Na wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ, ɔhyeɛ afɔdeɛ nsɔ w’ani.


Ma no nyɛ wo fɛ sɛ wobɛyɛ Sion yie; to Yerusalem afasuo!


Abɔnefoɔ afɔdeɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na teefoɔ mpaebɔ deɛ ɛyɛ n’anisɔdeɛ.


Asɛnteneneedie ne atɛntenenee sɔ AWURADE ani sene afɔrebɔ.


Amos ba Yesaia anisoadeɛ a ɔhunuu no Yuda ne Yerusalem ho, Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia nna no mu.


Na Lebanon nnɔɔso mma ɔhyeɛ, na ne mmoadoma renso ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Na wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea, de gya hye wɔn mma abobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Baal, nso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa m’adwene mu da.


Ɛdeɛn na oduhwamfufuo a wɔde firi Seba ba ne ahwedeɛ pa a ɛfiri akyirikyiri asase soɔ no yɛ ma me? Mo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ m’ani na mo kum afɔdeɛ nyɛ me dɛ.


na wɔasisi Tofet sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Hinom ba bonhwa mu no, de hye wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa ogya mu; nso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa m’adwene mu saa da.


sɛ wɔasɛe awadeɛ, na mogya wɔ wɔn nsamu. Na wɔn abosonhuhuo na wɔde asɛe awadeɛ, na wɔn mma a wɔwo maa me no nso, wɔama wɔafa ogya mu ama wɔn abosom ama wɔadi.


Wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie bɛkɔ akɔhwehwɛ AWURADE, na wɔrenhu no; ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho.


Na mepɛ adɔeɛyɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ, ne Nyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Na mfa w’asefoɔ mu bi mmɔ afɔdeɛ mmma Molek, na ngu wo Nyankopɔn din ho fi; mene AWURADE.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:


Na sɛ mobɔ mo hyeɛ afɔdeɛ ma me na mode mo aduane ayɛyɛdeɛ brɛ me a, m’ani rensɔ, na mo nyɛmmoa asomdwoeɛ afɔdeɛ nso, merenhwɛ.


Ɔno ara na masoma no wo nkyɛn bio; onipa a ɔte sɛ me ara m’akoma.


ɛnneɛ deɛ ɛbɛfiri me fie apono ano abɛhyia me da a meresane mafiri Amonfoɔ so dwoodwoo no, ɛbɛyɛ AWURADE deɛ, na mede bɛbɔ afɔdeɛ mu.


Na abosome mmienu no duruiɛ no, ɔsane baa n’agya nkyɛn; na ɔyɛɛ no sɛdeɛ ne bɔ a ɔhyɛeɛ no teɛ; na wanhunu ɔbarima biara. Na ɛyɛɛ atorɔmudeɛ Israel mu:


Na Samuel kaa sɛ: AWURADE pɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ sene tie a wobɛtie AWURADE anaa? Hwɛ, setie yɛ sene afɔdeɛ, na asoɔmmerɛ kyɛne nnwennini sradeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan