Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 6:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛdeɛn na memfa memmra AWURADE anim menkoto ɔsorosoro Nyankopɔn no? Memfa ɔhyeɛ afɔdeɛ memmra n’anim, ne nantwie mma a wɔadi afe afe?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Ɛdeɛn na memfa memmra AWURADE anim menkoto ɔsorosoro Nyankopɔn no? Memfa ɔhyeɛ afɔdeɛ memmra n’anim, ne nantwie mma a wɔadi afe afe?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Dɛn na memfa mmra Awurade anim mmɛkotow ɔsorosoro Onyankopɔn no? Memfa nantwimma a wadi afe mmɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ nʼanim ana?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛdeɛn na memfa mmra Awurade anim mmɛkoto ɔsorosoro Onyankopɔn no? Memfa anantwie mma a wadi afe mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ nʼanim anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Dɛn na memfa memmra AWURADE anim na menkotow ɔsorosoro Nyankopɔn no? So memfa ɔhyew afɔre memmra n’anim, ne nantwi mma a wɔadi afe afe?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 6:6
39 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Dawid bisaa Gibeonfoɔ no sɛ: Ɛdeɛn na menyɛ mma mo? Na ɛdeɛn na memfa mpata mo na moahyira AWURADE agyapadeɛ?


Ɛdeɛn na mede bɛhyɛ AWURADE ananmu, ne yie a ɔyɛ me nyinaa ho?


Asase so abrane nyinaa bɛdidi na wɔakoto no, wɔn a wɔsiane kɔ mfuturo mu nyinaa, ne deɛ anka ne kra nni nkwa no bɛkoto no.


Momma yɛmfa aseda mmra n’anim, na yɛmfa nnwom nni ahurisie mma no.


Mommra mma yɛmmutu nkoto nsɔre AWURADE, yɛn yɛfoɔ anim.


Adwammaa a ɔnni dɛm na momfa, onini a wadi afe wɔ nnwanten anaa mmirekyie mu.


Di apiti nnapa no: Nnanson na di apiti, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no, bosome Abib mu berɛ a wɔahyɛ no, ɛfiri sɛ ɛno mu na wofirii Misraim baeɛ; nso obiara mmfa nsapan mmmɛpue m’anim.


Abɔnefoɔ afɔdeɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na teefoɔ mpaebɔ deɛ ɛyɛ n’anisɔdeɛ.


Asɛnteneneedie ne atɛntenenee sɔ AWURADE ani sene afɔrebɔ.


Na Lebanon nnɔɔso mma ɔhyeɛ, na ne mmoadoma renso ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Ɛdeɛn na oduhwamfufuo a wɔde firi Seba ba ne ahwedeɛ pa a ɛfiri akyirikyiri asase soɔ no yɛ ma me? Mo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ m’ani na mo kum afɔdeɛ nyɛ me dɛ.


Na sɛ asase no so nnipa no reba AWURADE anim, afahyɛ no mu a, deɛ ɔfa atifi fam ponkɛseɛ no kwan so ba mu bɛsɔreɛ no, ɔmfa anafoɔ fam ponkɛseɛ no kwan so mfiri adi, na deɛ ɔfa anafoɔ fam ponkɛseɛ ano ba mu no, ɔmfa atifi fam ponkɛseɛ no ano mfiri adi; ɔnnsan mmfa ɛpono kɛseɛ a ɔfaa mu baa mu no mu mmfiri adi, na ɔnkɔ n’anim tee mfiri adi.


Ɛnna Nebukadnessar bɛn ogya a ɛrefranam fononoo no mu no ano na ɔkaa sɛ: Sadrak, Mesak ne Abed-Nego, ɔsorosoro Nyankopɔn nkoa, momfiri adi mmra! Ɛnna Sadrak, Mesak ne Abed-Nego firii adi firii ogya no mu.


Beltesasar, nkonyaayifoɔ panin, sɛ menim sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu na ahuntasɛm biara nyɛ wo den nti, ka me daeɛ mu adehunu a mehunuiɛ ne ne nkyerɛaseɛ kyerɛ me.


Wo, ɔhene, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahennie, kɛseyɛ, anidie ne animuonyam maa w’agya Nebukadnessar,


na wɔpamm no firii nnipa mma mu, na n’akoma yɛɛ sɛ mmoa deɛ, na ɔne ɛserɛ so mfunumu tenae, wɔmaa no wee wira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ ne honam, kɔsii sɛ ɔhunuu sɛ ɔsorosoro Nyankopɔn na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde obiara a ɔpɛ si so.


Wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie bɛkɔ akɔhwehwɛ AWURADE, na wɔrenhu no; ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho.


Na sɛ mobɔ mo hyeɛ afɔdeɛ ma me na mode mo aduane ayɛyɛdeɛ brɛ me a, m’ani rensɔ, na mo nyɛmmoa asomdwoeɛ afɔdeɛ nso, merenhwɛ.


nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;


Na hwɛ, obi baa hɔ bɛsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?


na sɛ wobɛdɔ no afiri akoma nyinaa ne nteaseɛ nyinaa ne ahoɔden nyinaa mu, na wobɛdɔ wo yɔnko sɛ wo ho, sene ɔhyeɛ afɔdeɛ ne mogya afɔdeɛ nyinaa.


na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Ɛdeɛn na me ne wo Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba wɔ yɛ? Medɔ Onyankopɔn sɛ: Nha me!


Na hwɛ, mmarakyerɛni bi sɔre gyinaa hɔ sɔɔ no hwɛe sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, menyɛ dɛn na manya daa nkwa?


Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, ɛnyɛ sɛ mohunuu nsɛnkyerɛnneɛ nti na mohwehwɛ me, na sɛ modii paanoo no bie na momeeɛ ntira.


Ɔno na ɔdii Paulo ne yɛn akyiri teaa mu sɛ: Nnipa yi ne Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no nkoa a wɔkyerɛ mo nkwagyeɛ kwan.


na ɔde wɔn firii adie no, ɔkaa sɛ: Awuranom, menyɛ dɛn na wɔagye me nkwa?


Na wɔteeɛ no, ɛwowɔɔ wɔn akoma mu, na wɔka kyerɛɛ Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ: Anuanom, yɛnyɛ dɛn?


Yei nti na mede me nkotodwe mekoto Agya


Na ɔsɔfoɔ biara gyina hɔ daa resom, na ɔtaa bɔ afɔdeɛ korɔ no ara a ɛntumi nyi bɔne mfiri hɔ da.


Na Samuel kaa sɛ: AWURADE pɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ sene tie a wobɛtie AWURADE anaa? Hwɛ, setie yɛ sene afɔdeɛ, na asoɔmmerɛ kyɛne nnwennini sradeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan