Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 6:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na meyii wo firii Misraim asase so bae, na megyee wo firii nkoafie, na mesomaa Mose, Aaron ne Miriam dii w’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na meyii wo firii Misraim asase so bae, na megyee wo firii nkoafie, na mesomaa Mose, Aaron ne Miriam dii w’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Miyii mo fii Misraim migyee mo fii nkoasom asase so. Mesomaa Mose bedii mo anim, Aaron ne Miriam nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Meyii mo firii Misraim megyee mo firii nkoasom asase so. Mesomaa Mose bɛdii mo anim Aaron ne Miriam nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na miyii wo fii Misraim asase so bae, na migyee wo fii nkoafi mu, na mesomaa Mose, Aaron ne Miriam dii w’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 6:4
29 Iomraidhean Croise  

Na ɔman foforɔ bɛn na ɛwɔ asase soɔ a ɛte sɛ wo man Israel, wɔn a Onyankopɔn akɔgye wɔn afa ayɛ ne man na ɔde agye din, na wayɛ nnoɔma akɛseakɛse a ɛyɛ hu ama wɔn, ɛberɛ a wogyee wo man firii Misraim maa wo ho, wɔ amanaman ne wɔn anyame nsam no anim?


Wonam Mose ne Aaron nsa so bɛgyaa wo man sɛ nnwankuo.


Na da no ara AWURADE yii Israelfoɔ no firii Misraim asase so, sɛdeɛ wɔn asafo teɛ.


Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so nkoafie mu no.


Na afei bra, na mensoma wo Farao nkyɛn, na kɔyi me man Israelfoɔ no firi Misraim.


Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Me deɛ, ɛde bɛsi nnɛ anaa ɛfiri berɛ a wo ne w’akoa kasaeɛ yi, m’ano nte; me kasa yɛ nyaa, na me tɛkyerɛma yɛ duru.


Na ɔbɛyɛ wo kyeame ama ɔman no, na ɔbɛdane w’ano, na woayɛ sɛ Onyankopɔn ama no.


Wɔne wɔn a wɔne Misraimhene Farao kasaa sɛ wɔbɛyi Israelfoɔ afiri Misraim akorɔ no, Mose ne Aaron korɔ no ara nie.


Na wode nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne nsa a ɛyɛ den ne basa a atene ne ahudeɛ kɛseɛ yii wo man Israel firii Misraim asase so,


Na me nso meyii mo firii Misraim asase so na mede mo nantee ɛserɛ so mfirinhyia aduanan, sɛ mommɛfa Amorini asase nni.


Na Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ɔwaree Kusni baa, ɛfiri sɛ na waware Kusni baa bi.


Yeinom ne akwan a Israelfoɔ twaeɛ berɛ a Mose ne Aaron dii wɔn anim de wɔn firi Misraim asase soɔ no, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ.


Ɔno ara na ɔde wɔn firii adi yɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ Misraim asase so, ne Mmɛwa Po mu ne ɛserɛ so mfirinhyia aduanan.


Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so, na AWURADE wo Nyankopɔn gyee wo; enti na nnɛ merehyɛ wo mmara yi.


Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim, na AWURADE wo Nyankopɔn gyee wo firii hɔ, enti na merehyɛ wo sɛ di asɛm yi soɔ.


Na mo deɛ, AWURADE na wayi mo afiri dadeɛ fononoo mu, afiri Misraim sɛ mommɛyɛ n’agyapadeɛ sɛdeɛ moteɛ nnɛ da yi.


Anaasɛ onyame bi asɔ ahwɛ pɛn sɛ ɔbɛkɔ akɔyi ɔman bi afiri ɔman bi mu afa wɔ sɔhwɛ ahodoɔ, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne akodie ne nsa a ɛyɛ den ne basa a watene ne ahodwirideɛ akɛseɛ mu, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no anaa?


Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo firii Misraim asase soɔ, nkoafie mu no.


Na ɛsiane sɛ AWURADE dɔ mo na ɔdi ne ntam a ɔkaa mo nananom no soɔ nti na ɔde nsa a ɛyɛ den yii mo, na ɔgyee mo firii nkoafie firii Misraimhene Farao nsam.


Ɛno nti mepaa AWURADE kyɛw sɛ: AWURADE Nyankopɔn, nsɛe wo man ne w’agyapadeɛ a wode wo kɛseyɛ agye wɔn na wode nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afiri Misraim no.


Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Ɛyɛ AWURADE a ɔyii Mose ne Aaron na ɔde mo agyanom firii Misraim asase so bae no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan