Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 6:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Nhyɛsoɔ ayɛ emu adefoɔ amaama na emufoɔ ka atorosɛm na wɔn tɛkyerɛma yɛ nnaadaa wɔn anomu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Nhyɛsoɔ ayɛ emu adefoɔ amaama na emufoɔ ka atorosɛm na wɔn tɛkyerɛma yɛ nnaadaa wɔn anomu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Adefo a wɔwɔ mo mu no di akakabensɛm; mo nkurɔfo no yɛ atorofo na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Adefoɔ a wɔwɔ mo mu no di akakabensɛm; mo nkurɔfoɔ no yɛ atorofoɔ na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Nhyɛso ayɛ emu adefo amaama na emufo ka atosɛm na wɔn tɛkrɛma yɛ nnaadaa wɔn anom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 6:12
29 Iomraidhean Croise  

AWURADE, yi me kra firi atorɔ ano, firi nnaadaa tɛkyerɛma mu.


Na wɔnka asomdwoeɛ nsɛm, na wɔdwene nkontomposɛm tia wɔn a wɔdwo, asase so.


Wɔde wɔn ano dɛfɛdɛfɛɛ no, na wɔde wɔn tɛkyerɛma dii atorɔ kyerɛɛ no,


Wo mansohwɛfoɔ ayɛ atuatefoɔ ne awifoɔ nnamfo. Wɔn nyinaa pɛ adanmudeɛ na wɔdi akyɛdeɛ akyi. Wɔnni mma nwisiaa, na akunafoɔ asɛm nnuru wɔn anim.


Na Yerusalem asunti, na Yuda ahwe ase, ɛfiri sɛ wɔn kasa ne wɔn nneyɛɛ ne AWURADE di asie, sɛ wɔbɛte n’animuonyam anim atua.


Na asafo AWURADE bobeturo ne Israel fie, na Yuda mmarima ne n’afuo a n’ani gye ho; na ɔhwehwɛɛ atɛntenenee, nanso hwɛ, mogyahwieguo; ɔhwehwɛɛ tenenee, nanso hwɛ, osu!


Wɔn tɛkyerɛma yɛ agyan a ɛkum nipa, nnaadaasɛm na ɛka; wɔde wɔn ano ka asomdwoeɛsɛm kyerɛ ɔyɔnko, na wɔn mu deɛ, wɔtetɛ no.


Meresa Israel yadeɛ yi, na Efraim amumuyɛ ne Samaria nnebɔne reda adi; na wɔdi atorɔ, na owifoɔ bubu ba mu, akwanmukafoɔ asafo nso fom fa wɔ mmorɔno so.


Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔadwane me; ɔsɛeɛ mmra wɔn so, ɛfiri sɛ wɔato me mmara; na me deɛ, anka mɛgye wɔn, nanso wɔdi me ho torɔ.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Yuda amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔapo AWURADE mmara na wɔanni n’ahyɛdeɛ soɔ, na wɔn torɔ a wɔn agyanom dii akyire no ma wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ nti.


Wɔdeda asonse mpadua so, na wɔtwe wɔn mu wɔn nnaeɛ so, na wɔdi nnwanten mma a wɔfiri nnwankuo mu ne nantwie mma a wɔfiri ɔyɛn dan mu.


Na ɛda no, mɛtwe obiara a ɔhuri tra aponnwa aso, wɔn a wɔde ɔhyɛ ne nsisie hyehyɛ wɔn wuranom afie amaama.


Emu mmapɔmma yɛ agyata a wɔbobom, n’atemmufoɔ nso yɛ anwummerɛ mpataku, wɔnnya biribi nkɔsi anɔpa.


Na Yudafoɔ no nso foaa no so sɛ nsɛm yi te saa.


Wɔn mene yɛ ɛda a abue, wɔde wɔn tɛkyerɛma daadaa; nhuritia borɔ wɔ wɔn anofafa ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan