Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 5:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 na matwitwa w’asase so nkuro, na madwiri w’abandenden nyinaa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 na matwitwa w’asase so nkuro, na madwiri w’abandenden nyinaa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Mɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ wʼasase so na madwiriw wo bammɔ dennen nyinaa agu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Mɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ wʼasase so na madwiri wo banbɔ denden nyinaa agu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 na matwitwa w’asase so nkurow agu, na madwiriw w’abandennen nyinaa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 5:11
10 Iomraidhean Croise  

Mo man mu ada mpan; mo nkuro, wɔde ogya ahye; mo anim pɛɛ na ananafoɔ redi mo mfuo; na asɛe sɛdeɛ ananafoɔ abutu no.


Na woagya wo man, Yakob fie, ɛfiri sɛ apueeɛ ntafowayifoɔ ayɛ wɔn amaama, ɛne nkɔmhyɛfoɔ sɛ Filistifoɔ, na wɔne ananafoɔ fa yɔnkoɔ.


Enti, yei na wɔde bɛkata Yakob amumuyɛ soɔ, na yi a wɔreyi ne bɔne akorɔ no so aba nyinaa nie: Sɛ ɔbɛma afɔrebukyia aboɔ no nyinaa ayɛ sɛ akaadoo ntoantoa a afurofuro, na Asera nnua ne owia adum nsisi hɔ bio.


Na mese: O AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn? Na ɔse: Ɛnkɔsi sɛ nkuro bɛdane akurofo a obi nte mu, na afie atɔ mpan a onipa nni mu, na asase no asɛe ayɛ fo koraa,


AWURADE amene Yakob tenabea nyinaa, wanhu wɔn mmɔbɔ. Wadwiri Yuda babaa aban a ɛyɛ den, n’anibereɛ mu, ama no aka fam. Wagu n’ahennie ne ne mmapɔmma ho fi.


na woaka sɛ: Mɛforo makɔ asase a ano da hɔ no, akɔtua wɔn a wɔwɔ hɔ komm a wɔte hɔ dwoodwoo no, wɔn nyinaa tete hɔ a wɔnni ɔfasuo, na wɔnni aponkɛseɛ ne akyire adaban,


Enti hooyɛ bɛsɔre wo man no mu, na wɔabɛsɛe w’abandenden nyinaa, sɛdeɛ Salman sɛee Bet-arbel, ɔko da no, wɔbɛtete ɛna mu agu mma so.


Ɔma ɔsɛeɛ ba otumfoɔ so sɛ anyinam, na ɔsɛeɛ nso ba aban a ɛyɛ den so.


Na ɔbua see me sɛ: Yei ne AWURADE asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden soɔ, na mmom me honhom so, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan