Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 4:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔbɛbu aman pii mu atɛn, na waka aman akɛseɛ a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn afena abobɔ nsɔ, na wɔde wɔn mpea ayeyɛ nnerɛ; ɔman bi remma afena so ntia ɔman bi, na wɔrensua akodie bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔbɛbu aman pii mu atɛn, na waka aman akɛseɛ a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn afena abobɔ nsɔ, na wɔde wɔn mpea ayeyɛ nnerɛ; ɔman bi remma afena so ntia ɔman bi, na wɔrensua akodie bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Obebu amanaman ntam atɛn na obesiesie nnipa bebree ntam asɛm. Wɔde wɔn afoa bɛbobɔ nsɔw na wɔde wɔn mpeaw ayɛ asosɔw. Ɔman bi rentwe ɔman foforo so afoa, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Awurade bɛdi amanaman ntam nsɛm Aane ɔbɛsiesie ntawantawa ama aman a wɔyɛ den wɔ mmaa nyinaa. Wɔde wɔn akofena bɛbɔ funtumdadeɛ wɔde wɔn mpea bɛbɔ nsɔsɔwa. Ɔman bi ntwe ɔman foforɔ so akofena, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na obebu aman pii mu atɛn, na waka aman akɛse a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn mfoa abobɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 4:3
40 Iomraidhean Croise  

Monyɛ komm na monhunu sɛ mene Onyankopɔn. Wɔmma me so amanaman mu, wɔmma me so asase so.


Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano, ɔbubu tadua mu na ɔtwitwa pea mu asinasini, ɔde ogya hye nteaseɛnam.


Mmepɔ bɛso asomdwoeɛ ama ɔman, na nkokoɔ nso de tenenee aba.


Ɔteneneeni bɛsi frɔmm ne berɛ so, na asomdwoeɛ pii bɛba akɔduru sɛ ɔsrane nni hɔ bio.


Ao! Onyankopɔn, sɔre ɛ, bu asase atɛn, na wo na wobɛdi adeɛ, amanaman nyinaa mu.


wɔ AWURADE anim, na ɔreba, na ɔreba abɛbu asase atɛn. Ɔrebɛbu wiase atɛn tenenee mu, ne aman wɔ ne nokorɛ mu.


AWURADE anim, na ɔreba abɛbu asase atɛn. Ɔbɛbu wiase atɛn, tenenee mu, ne aman wɔ atɛntenenee mu.


Na ɔbɛbu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛdi nnipa bebree ntam asɛm, na wɔde wɔn nkrantɛ abobɔ nsɔ, ne wɔn mpea ayɛ aderɛ. Ɔman bi remmma afena so ntia ɔman foforɔ, na wɔrensua akodie bio.


Enti ɔman a ɛyɛ den bɛhyɛ wo animuonyam, amanaman ahoɔdenfoɔ kuro bɛsuro wo.


Me tenenee reba ntɛm, me nkwagyeɛ afiri adi, na m’abasa bɛbu aman atɛn; me so na nsuano aman ani da, na me basa na wɔtwɛn.


Na ɔman ne ahennie a ɛrensom woɔ no bɛgu, na saa aman no, sɛeɛ na wɔbɛsɛe wɔn pasaa.


Pataku ne odwammaa bɛdidi faako, na gyata awe wira sɛ nantwie; na ɔwɔ deɛ, dɔteɛ na ɛbɛyɛ n’aduane; wɔrempira, na wɔrensɛe adeɛ bio, wɔ me bepɔ kronkron no nyinaa so, AWURADE na ɔseɛ.


Na n’ahennie mu bɛtrɛ, na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ aba, Dawid ahennwa so ne n’ahennie so, na ɔde atemmuo ne tenenee awowa no ma atim firi sɛsɛɛ de akɔsi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ yei.


Na ahemfo no nna no mu no ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahennie a wɔrensɛe no da, na wɔrennya n’ahennie mma ɔman foforɔ bi so, na ɛbɛbubu ahennie ahodoɔ no nyinaa ama no asa, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina daa.


Na mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, na mɛbubu tadua ne nkrantɛ ne akodie mafiri asase no so, na mama wɔatena dwoodwoo.


na mɛgye wo aware mafa, gyidie so, na woahunu AWURADE.


mɛboaboa amanaman nyinaa ano, na mede wɔn bɛsiane aba Yehosafat bonhwa no mu, na me ne wɔn adi asɛm wɔ hɔ, me man ne m’agyapadeɛ Israel a wɔabɔ wɔn apete amanaman mu, na wɔakyɛ m’asase no mu nti.


na mede abufuo ne abufuhyeɛ bɛtɔ were, amanaman a wɔantie me no so.


Na AWURADE bɛfiri adi ne amanaman no abɛko, sɛ ne ko da no.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ɛbɛba bio sɛ aman no nkuro pii mufoɔ bɛba,


Na mɛtwitwa nteaseɛnam afiri Efraim, ne apɔnkɔ nso afiri Yerusalem, na wɔatwa akodie tadua nso; na ɔbɛka ɔmannwoeɛsɛm akyerɛ amanaman, na n’ahennie bɛfiri ɛpo so akɔ ɛpo so, na afiri asuo ano akɔsi asase awieeɛ.


ɛfiri sɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bɛbu wiase atɛn tenenee mu; ɔno na wama no asɔre afiri awufoɔ mu de adi adanseɛ sɛ nnipa nyinaa nnye nni.


Na mehunuu sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no, wɔfrɛ no Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafoɔ, na ɔbu atɛn, na ɔtu sa wɔ tenenee mu.


AWURADE atamfoɔ bɛwie pasaa, na ɔbɛma n’aprannaa abom ɔsoro agu wɔn so. AWURADE bɛbu asase ano atɛn; ɔde ahoɔden bɛma ne hene, na wama deɛ wasra no ngo no abɛn so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan