Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 4:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so; na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so; na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Aman bebree bɛba abɛka se, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔw no so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fi. Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnantew nʼatempɔn so.” Mmara no befi Sion aba, na Awurade asɛm afi Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Aman bebree bɛba abɛka sɛ, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ so, Yakob Onyankopɔn efie. Ɔbɛkyerɛ yɛn nʼakwan, sɛdeɛ yɛbɛnante soɔ.” Na mmara no bɛfiri Sion aba Awurade asɛm bɛfiri Yerusalem aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so; na Sion na mmara befi, na AWURADE asɛm afi Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 4:2
35 Iomraidhean Croise  

Wo tumidie poma no, AWURADE firi Sion bɛtene. “Di hene w’atamfo mfimfini!”


Nhyira ne wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ, na wɔnam AWURADE mmara soɔ.


M’ano bɛworo w’ayeyie, sɛ wokyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.


M’ani gyee sɛ wɔsee me sɛ: Ma yɛnkɔ AWURADE fie.


Onipa biara a ɔsuro AWURADE no, ɔbɛkyerɛ no kwan a ɔmfa soɔ.


Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so: Na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.


Na wo mma nyinaa bɛyɛ AWURADE asuafoɔ, na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso.


mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no so, na mama wɔn ani agye me mpaebɔ fie, wɔn hyeɛ afɔdeɛ ne wɔn kum afɔdeɛ bɛsɔ m’ani, m’afɔrebukyia so; na me fie no, wɔbɛfrɛ no mpaebɔ fie ama aman nyinaa.


Na ɛda bi wɔ hɔ a awɛmfoɔ bɛteam wɔ Efraim kuro bepɔ so sɛ: Monsɔre mma yɛmforo nkɔ Sion, AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn.


na AWURADE wo Nyankopɔn nkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛnnante soɔ ne adekodeɛ a yɛnyɛ nso.


Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no. Wɔasiesie n’adifire sɛ adekyeeɛ, na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutorɔ, sɛ bereamporɔsuo a ɛtɔ gu asase soɔ.


Na amanaman a wɔbaa Yerusalem soɔ no nyinaa mu nkaeɛ no nyinaa bɛforo aba, daa afe, abɛsɔre ɔhene, asafo AWURADE, na wɔahwɛ asese fa no.


Na amanaman bebree de wɔn ho bɛba abɛbɔ AWURADE ho ɛda no, na wɔayɛ me ɔman; na mɛtena wo mu, na wobɛhunu sɛ asafo AWURADE na asoma me wo nkyɛn.


Na mɛtwitwa nteaseɛnam afiri Efraim, ne apɔnkɔ nso afiri Yerusalem, na wɔatwa akodie tadua nso; na ɔbɛka ɔmannwoeɛsɛm akyerɛ amanaman, na n’ahennie bɛfiri ɛpo so akɔ ɛpo so, na afiri asuo ano akɔsi asase awieeɛ.


Na wɔn deɛ, wɔfirii hɔ kɔ kɔkaa asɛm mmaa nyinaa, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma, nam nsɛnkyerɛnneɛ a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no den.] Amen.


na wɔafa ne din so akɔka adwensakyera ne bɔne fakyɛ amansan nyinaa mu, na wɔbɛfiri aseɛ wɔ Yerusalem.


Wɔatwerɛ no adiyifoɔ no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afiri Agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn.


Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn anaasɛ ɛfiri me ara me tirim na meka.


na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mobɛnya ahoɔden, na moayɛ m’adansefoɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohoa.


Na wɔfiri hyiadan mu hɔ firii adie no, wɔsrɛɛ sɛ homeda foforɔ wɔmmɛka nsɛm no nkyerɛ wɔn bio.


nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ tumi so, Honhom tumi so; na maka Kristo asɛmpa no awie firi Yerusalem ne nkuro a atwa ho ahyia so akɔduru Iliriko.


Na yei ne mmara nsɛm, ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnkyerɛkyerɛ mo na monyɛ asase a moretwam akɔfa no soɔ,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan