Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 4:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na afei amanaman pii aboa wɔn ano atia wo, na wɔka sɛ: Ma Sion ho ngu fi, na yɛmfa yɛn ani nhwɛ n’animguaseɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na afei amanaman pii aboa wɔn ano atia wo, na wɔka sɛ: Ma Sion ho ngu fi, na yɛmfa yɛn ani nhwɛ n’animguaseɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Mprempren de, aman bebree aka abɔ mu atia wo. Wɔka se, “Wongu Sion ho fi, na yɛmfa yɛn ani nhwɛ no!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Seesei deɛ, aman bebree aka abɔ mu atia wo. Wɔka sɛ, “Wɔngu Sion ho fi, na yɛmfa yɛn ani nhwɛ no!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na afei amanaman pii aboa wɔn ho ano ahyɛ wo, na wɔka sɛ: Ma Sion ho nhura, na yɛmfa yɛn ani nhwɛ n’animguase no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 4:11
15 Iomraidhean Croise  

Ma wɔn ani nwu na wɔnsane wɔn akyi, wɔn a wɔtane Sion nyinaa.


Na wɔde akoma korɔ tu agyina, wo tiri so na wɔpam.


Nso ɔno deɛ, ɛnyɛ saa na ɔdwene, na n’akoma nsusu no saa, na ɛwɔ n’akoma mu sɛ ɔbɛsɛe na watutu amanaman pii.


Aa, aman bebree huuyɛ, wɔyɛ huu sɛ ɛpo huuyɛ! Aa, ne aman hooyɛ, wɔyɛ hoo sɛ nsuo a ɛyɛ den hooyɛ!


Na amanaman bebrebe a wɔatu Ariel so sa no nyinaa, wɔn a wɔtoa no ne n’aban, hiahia ne ho no nyinaa, bɛyɛ sɛ daeɛ, wɔ anadwo adehunu mu.


Na n’ahennie afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du, da a ɛtɔ so du no, Babelhene Nebukadnessar, ɔno ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛkyeree so nsraban, na wɔtotoo ho epie hyiae.


sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mene wo anya, Tiro, na mede amanaman bebree bɛba wo so, sɛdeɛ ɛpo de n’asorɔkyeɛ ba no,


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Wone deɛ mekaa ne ho asɛm tete nna no mu a menam me nkoa, Israel adiyifoɔ a wɔkaa adiyisɛm nna no mu, mfeɛ pii no so mekaa sɛ mede wo bɛba wɔn soɔ no?


Nanso ɛnsɛ sɛ anka wode anigyeɛ hwɛ wo nua, ɛda a abuo buu no no; ɛnsɛ sɛ anka w’ani gye Yuda mma wɔn sɛeɛ da no ho, ɛnsɛ sɛ anka wohyehyɛ wo ho wɔ ahohiahia da no,


Na me tamfo bɛhunu, na aniwuo abɛkata ne so, ɔno a ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛhe na wo Nyankopɔn no wɔ? Mede m’ani bɛhwɛ no, afei wɔbɛtiatia ne so sɛ mmorɔno so dɔteɛ.


Na da no, mede Yerusalem bɛyɛ tɔkwaboba ama aman nyinaa. Wɔn a wɔbɛma soɔ nyinaa bɛpirapira, na wɔbɛboa asase so amanaman nyinaa ano atia no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan