Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 4:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Sion babaa, ko awoɔ, kyem sɛ ɔwofoɔ, na afei wobɛfiri adi afiri kuro no mu akɔtena wiram, na woakɔtena Babel tɔnn. Ɛhɔ na wɔbɛyi woɔ, ɛhɔ na AWURADE bɛpɔn wo afiri w’atamfo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Sion babaa, ko awoɔ, kyem sɛ ɔwofoɔ, na afei wobɛfiri adi afiri kuro no mu akɔtena wiram, na woakɔtena Babel tɔnn. Ɛhɔ na wɔbɛyi woɔ, ɛhɔ na AWURADE bɛpɔn wo afiri w’atamfo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Bukabukaw wo mu wɔ yawdi mu, Ɔbabea Sion, te sɛ ɔbea a awo aka no, mprempren ɛsɛ sɛ wufi kuropɔn no mu kɔtena sare so. Wobɛkɔ Babilonia; na hɔ na wobegye wo. Ɛhɔ na Awurade begye wo afi wʼatamfo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɔyea enti, nukanuka wo mu, Ao Ɔbabaa Sion, te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no, seesei ɛsɛ sɛ wofiri kuropɔn no mu kɔtena ɛserɛ so. Wobɛkɔ Babilonia; na ɛhɔ na wɔbɛgye woɔ. Ɛhɔ na Awurade bɛgye wo afiri wʼatamfoɔ nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Sion babea, ko awo, kyem sɛ ɔwofo, na afei wubefi adi afi kurow no mu akɔtena wuram, na woakɔtena Babel tɔnn; ɛhɔ na wobeyi wo, ɛhɔ na AWURADE bɛpɔn wo afi w’atamfo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 4:10
27 Iomraidhean Croise  

Na wo mma a wɔfiri wo mu a woawo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu apiafoɔ.


Ɛnna wɔtuu kuro no fasuo mu tokuro, na ɔhene ne mmarima akofoɔ no nyinaa dwanee anadwo faa afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo ho no ntam pono mu kɔe; nso na Kaldeafoɔ no atwa kuro no ho ahyia; na wɔfaa Yordan bonhwa kwan so kɔe.


Ɛnna AWURADE maa Asiriahene asahene baa wɔn soɔ, na wɔde nkɔtɔkorɔ kyeree Manase, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no, na wɔde no kɔɔ Babel.


Na nkaeɛ a wɔantotɔ afena ano no, ɔtuu wɔn kɔɔ Babel na wɔkɔyɛɛ ɔno ne ne mma nkoa kɔsii Persia ahennie no kyekyerɛ,


Sɛ Persiahene Kores seɛ nie: Asase so ahennie nyinaa na AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn no de ahyɛ me nsa, na ɔno ara de ato me so sɛ mensi efie memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda. Mo mu biara a ɔwɔ ha a ɔbɛtumi no, AWURADE ne Nyankopɔn nni n’akyi, na ɔmforo nkɔ.


Na ɔgyee wɔn firii deɛ ɔkyiri wɔn no nsam, na ɔyii wɔn firii ɔtamfoɔ nsam,


Sɛ AWURADE, mo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no seɛ nie: Mo nti mɛsoma akɔ Babel, na mabubu adaban nyinaa, na mama Kaldeafoɔ ahurisidie adane adwotwa.


Me na mama ne so tenenee mu, na mɛtenetene n’akwan nyinaa; ɔno na ɔbɛkyekyere me kuro, na ɔbɛgya m’atukɔfoɔ kwan a ɔrennye tiriadeɛ anaa akyɛdeɛ biara, asafo AWURADE na ɔka.


Momfiri Babel, momfa ahurisidie nne nnwane mfiri Kaldeafoɔ mu. Monka, momma wɔnte yei, momma no mfiri nkɔduru asase ano. Monka sɛ: AWURADE agye n’akoa Yakob.


Fa abɔsoɔ a wotɔeɛ a ɛbɔ w’asene no, na sɔre kɔ Eufrate, na fa kɔhyɛ ɔbotan tokuro mu.


Na mɛyi wo afiri abɔnefoɔ nsam, na magye wo afiri atirimuɔdenfoɔ nsam.


Enti montie AWURADE asɛm, mo atukɔfoɔ a mama moafiri Yerusalem akɔ Babel no nyinaa.


Na metee nne a ɛte sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ deɛ, ahohiahia a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrebone awoɔ deɛ, Sion babaa nne, ɔsi apini, ɔtrɛ ne nsam sɛ: Mennue! Na me kra atɔ awudifoɔ nsam piti.


Wɔbɛfa nkuro akɛseɛ no, na wɔagye nkuro a ɛyɛ den no, na ɛda no Moab nnɔmmarima akoma bɛyɛ sɛ ɔbaa a ɔda ahohiahia mu akoma.


Na Babel hene no bobɔɔ wɔn kunkumm wɔn Ribla a ɛwɔ Hamat asase soɔ no. Saa na wɔtuu Yuda firii n’asase so kɔeɛ.


Nanso Israel mma dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔnsusuo na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn teasefoɔ mma.


Ɔwofoɔ awoɔ bɛka no; ɔno deɛ, ɔyɛ ɔba a ɔnni nyansa, sɛ ɛduru ne berɛ so a, ɔmmmɛgyina deɛ mma fa mu siane hɔ.


Saa nti, hwɛ, mɛbɔ no adafa mede no makɔ ɛserɛ so, na maka no abodwosɛm


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a wosua sɛ wobɛfra Yuda mpem mpem mu, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel sodifoɔ no; na n’ase firi tete nteredee, firi daa a ɛnni ase nna mu.


Enti ɔde wɔn bɛma akɔsi berɛ a ɔwofoɔ bi bɛwoɔ, na ne nuanom nkaeɛ bɛsane ne Israel mma nso aba.


Na wɔmaa ɔbaa no ɔkɔdeɛ kɛseɛ no ntaban mmienu sɛ ɔmfa ntu nkɔ ɛserɛ so wɔ ne tenaberɛ, deɛ wɔbɛhwɛ no ɛberɛ ne mmerɛ ne berɛ fa afiri ɔwɔ no anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan