Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 3:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Montie yei ɛ, Yakob fie atitire ne Israel fie atemmufoɔ, mo a mokyiri atemmuo na mokyea deɛ ɛtene nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Montie yei ɛ, Yakob fie atitire ne Israel fie atemmufoɔ, mo a mokyiri atemmuo na mokyea deɛ ɛtene nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Muntie, mo Yakobfi akannifo, mo a mudi Israel so, a mukyi atɛntrenee na mokyea nea ɛteɛ nyinaa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Montie, mo Yakob efie ntuanofoɔ, mo a moyɛ Israel sodifoɔ, a mokyiri atɛntenenee na mokyea deɛ ɛtene nyinaa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Muntie eyi ɛ, Yakob fi atitiriw ne Israel fi akannifo, mo a mukyi atemmu na mokyea nea ɛteɛ nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 3:9
16 Iomraidhean Croise  

Ɛnna me ne Yuda mmapɔmma no hameeɛ, na mesee wɔn sɛ: Asɛmmɔne bɛn na moredie de kum homeda ho yi?


Kɔ, na kɔboaboa Israel mpanimfoɔ ano, na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no ayi ne ho akyerɛ me sɛ: Hwɛ na mabɛhwɛ mo ne deɛ wɔreyɛ mo wɔ Misraim no.


Deɛ ɔbu ɔbɔnefoɔ bem ne deɛ ɔbu ɔteneneeni fɔ no, AWURADE akyiwadeɛ ne wɔn baanu nyinaa.


Ɔbɔnefoɔ gye ayɛyɛdeɛ firi kokoam, sɛ ɔrebɛdane atemmuo akwan ani.


Ɛnyɛ sɛ wɔhwɛ ɔbɔnefoɔ anim, na wɔdane ɔteneneeni asɛm ani atemmuo mu.


Abɔnefoɔ akakabensɛm de wɔn kɔ, ɛfiri sɛ wɔpo atemmuo.


Wo mansohwɛfoɔ ayɛ atuatefoɔ ne awifoɔ nnamfo. Wɔn nyinaa pɛ adanmudeɛ na wɔdi akyɛdeɛ akyi. Wɔnni mma nwisiaa, na akunafoɔ asɛm nnuru wɔn anim.


Wɔadodɔre sradeɛ, wɔn ho srasra. Nso wɔdi nsɛmmɔne tra so, wɔmmu atɛntenenee, wɔnni nwisiaa asɛm, na ama wɔadi yie; na ahiafoɔ nso wɔmmu atɛn mma wɔn.


Na wɔnkyerɛ me man akronkronneɛ ne deɛ abuo so ntam nsonsonoeɛ, na wɔmma wɔnhunu deɛ ɛho wɔ fi ne deɛ ɛho teɛ ntam nsonsonoeɛ.


Montie yei, asɔfoɔ, na monwɛn aso, Israel fie, na ɔhene fie nso, monyɛ aso; na mo so na atemmuo aba; na moadane fidie wɔ Mispa ne asau a wɔatrɛ mu wɔ Tabor so.


na sɛ mopa m’ahyɛdeɛ, na m’atemmuo yɛ mo kra nwunu, na moanni me mmara nsɛm nyinaa so na mobu m’apam so a,


mo a modane atemmuo bɔnwono na mode tenenee hwehwe fam no!


AWURADE asɛm a ɛbaa Moresetni Mika nkyɛn, Yuda ahemfo Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ soɔ no a ɔhunuu no Samaria ne Yerusalem ho nie.


Na mese: Montie ɛ, Yakob atitire ne Israel fie atemmufoɔ, ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ mohunu atemmuo?


Nnome nka deɛ ɔkyea ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ atemmuo. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan