Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 3:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na me deɛ, AWURADE honhom mu tumi ne atemmuo ne mmaninyɛ ahyɛ me ma, sɛ menkyerɛ Yakob ne mmarato, ne Israel ne bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na me deɛ, AWURADE honhom mu tumi ne atemmuo ne mmaninyɛ ahyɛ me ma, sɛ menkyerɛ Yakob ne mmarato, ne Israel ne bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Nanso me de, tumi ahyɛ me ma, Awurade Honhom ahyɛ me ma trenee ne ahoɔden a mede bɛpae mu aka Yakob amumɔyɛ ne Israel bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Nanso me deɛ tumi ahyɛ me ma, Awurade Honhom ahyɛ me ma tenenee ne ahoɔden a mede bɛpae mu aka Yakob amumuyɛ ne Israel bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na me de, AWURADE honhom mu tumi ne atemmu ne mmaninyɛ ahyɛ me ma, sɛ menkyerɛ Yakob ne mmarato, ne Israel ne bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 3:8
28 Iomraidhean Croise  

Na nsɛm ahyɛ me ma, na honhom a ɛwɔ me mu no hyɛ me.


Team denden, nnodo ho; ma wo nne so sɛ totorobɛnto, na ka me man mmarato ne Yakob fie bɔne kyerɛ wɔn.


AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ AWURADE asra me ngo sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufoɔ; wasoma me sɛ memmɛkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ, mempae ahofadie menkyerɛ nnommum ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfoɔ,


na mempae AWURADE anisɔ afe ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da no, menkyekyere abooboodifoɔ nyinaa werɛ,


Na me deɛ, hwɛ, ɛnnɛ mede wo mayɛ kuro a ɛyɛ den ne dadeɛ dum ne kɔbere mfrafraeɛ afasuo atia asase nyinaa: Yuda ahemfo, wɔn asafohene, wɔn asɔfoɔ ne asase no so nkurɔfoɔ.


Na sɛ mese: Merenkae no na meremmɔ ne din menkasa bio, a, na ɛyɛ m’akoma mu sɛ ogya a ɛredɛre a wɔato mu me nnompe mu; mesɔ mu a mebrɛ ho, na mentumi.


Enti AWURADE abufuhyeɛ ahyɛ me ma, mabrɛ ne me ho so hyɛ: Hwie gu mmorɔno so mmotafowa ne mmeranteɛ asafo no nyinaa so; na wɔbɛkyere okunu ne ɔyere nyinaa, akɔkoraa ne deɛ wadi nna ameeɛ.


Atorɔ ne nnaadaa anisoadeɛ na w’adiyifoɔ hunu kyerɛɛ woɔ; na wɔanyi w’amumuyɛ no so, sɛ wɔde wo nnommum bɛsane aba. Na atorɔ ne nsɛm a ɛma wofom na wɔhunu kyerɛɛ woɔ.


Onipa ba, ma Yerusalem nhunu n’akyiwadeɛ no,


Wobɛbu wɔn atɛn, onipa ba? Wobɛbu wɔn atɛn? Ɛnneɛ ma wɔnhunu wɔn agyanom akyiwadeɛ.


Na wo, onipa ba, wobɛbu kuro a mogya ayɛ mu ma no atɛn? Ɛnneɛ ma no nhunu n’akyiwadeɛ nyinaa,


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, wobɛbu Ohola ne Oholiba atɛn? Ɛnneɛ kyerɛ wɔn wɔn akyiwadeɛ,


Na honhom no maa me so faa me kɔe, na mekɔɔ no nwononwono mu, me honhom anibereɛ no mu, na AWURADE nsa yɛɛ me so den.


Wo, onipa ba, fa asɔrefie yi kyerɛ Israel fie, na wɔn anim ngu ase, wɔn amumuyɛ ho, na ma wɔnsusu susudeɛ no.


ɛfiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ deɛ ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ wɔn Atwerɛfoɔ no.


Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane, na ɔtoo wɔn din Bo-anerges, aseɛ ne aprannaa mma;


Na me kasa ne m’asɛnka amfa nnipa nyansa adɛfɛdɛfɛ kwan so, na mmom ɛnam honhom ne tumi yikyerɛ mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan