Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 3:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛno na wɔbɛsu afrɛ AWURADE, nanso ɔremmua wɔn, na ɔde n’anim bɛhunta wɔn berɛ no mu, sɛdeɛ wɔmaa wɔn nneyɛɛ yɛɛ bɔne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɛno na wɔbɛsu afrɛ AWURADE, nanso ɔremmua wɔn, na ɔde n’anim bɛhunta wɔn berɛ no mu, sɛdeɛ wɔmaa wɔn nneyɛɛ yɛɛ bɔne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Afei wobesu afrɛ Awurade, nanso ɔrennye wɔn so. Saa bere no ɔde nʼanim besie wɔn, bɔne a wɔayɛ nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Afei wɔbɛsu afrɛ Awurade, nanso ɔrennye wɔn so. Saa ɛberɛ no ɔde nʼanim bɛsie wɔn, bɔne a wɔayɛ enti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Ɛno ansa na wobesu afrɛ AWURADE, nanso ɔremmua wɔn, na ɔde n’anim behintaw wɔn bere no mu, sɛnea wɔmaa wɔn nsɛnnii yɛɛ bɔne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 3:4
26 Iomraidhean Croise  

Onyankopɔn bɛte ne sufrɛ berɛ a ahohiahia bɛba ne soɔ no anaa?


Ampa ara Onyankopɔn rentie ahuhusɛm, na Otumfoɔ remmu.


Wɔsu frɛe a ɔgyefoɔ bi nni hɔ, wɔfrɛɛ AWURADE, na wammua wɔn.


ɛno na wɔbɛfrɛ me, na merennye so, wɔbɛhwehwɛ me nhema, na wɔrenhu me.


Deɛ ɔyi n’aso firi mmara tie ho no, ne mpaebɔ mpo yɛ akyiwadeɛ.


Na sɛ motrɛ mo nsam a, mɛyi m’ani mahunta mo; nso sɛ momma mpaebɔ dɔɔso a, me deɛ, merentie; mogya ayɛ mo nsa mama.


Ao, ɔbɔnefoɔ nnue; na ɛbɛwie no mmusuo, na ne nneyɛɛ so adeɛ na wɔde bɛma no.


Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a wɔrentumi mfiri mu reba wɔn so, na sɛ wɔsu frɛ me a, merentie wɔn.


Sɛ wɔdi mmuada mpo a, merentie wɔn nkotosrɛ; na sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ a, m’ani rensɔ wɔn, na afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ na mede bɛdwerɛ wɔn koraa.


Wɔreba ne Kaldeafoɔ abɛko, na wɔde nnipa a mekumm wɔn m’abufuo ne m’abufuhyeɛ mu, na wɔn bɔne nyinaa nti, mede m’ani mahunta ɔman yi no afunu abɛhyɛ hɔ ma.


Adiyifoɔ hyɛ nkɔntorɔ, na asɔfoɔ nam wɔn pɛ so di wɔn koko so asɛm; me man nso pɛ no saa, nanso n’awieeɛ no mobɛyɛ no dɛn?


Na me nso, mɛdi no anibereɛ so; m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; na wɔde nne kɛseɛ bɛsu agu m’aso mu deɛ, nanso merentie wɔn.


na adehunufoɔ no ani bɛwuwu, na nkɔmhyɛfoɔ no anim asinsiam, na wɔn nyinaa bɛmuamua wɔn ano, ɛfiri sɛ Nyankopɔn mmuaeɛ biara nni hɔ.


Na asase no bɛdane amamfo, ɛsofoɔ no nti, wɔn nneyɛɛ so aba no nti.


Na sɛdeɛ me frɛeɛ na wɔantie no, saa nso na wɔbɛfrɛ na merentie, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ tumideɛ pii anaa?


Ɛfiri berɛ a efiewura no bɛsɔre ato pono mu no ara na mobɛfiri aseɛ agyina akyire, na moabɔ ɛpono no mu sɛ: Owura, hini yɛn! Na ɔbɛbua mo sɛ: Mo deɛ, mennim deɛ mofire.


Na yɛnim sɛ Onyankopɔn ntie adebɔneyɛfoɔ; na sɛ obi fɛre Onyankopɔn na ɔyɛ deɛ ɔpɛ a, ɔno na ɔtie no.


Na mmɔborɔhunu nni atemmuo mu ma deɛ wanhunu mmɔborɔ, na mmɔborɔhunu hoahoa ne ho di atemmuo so nkonim.


Na da no, mo hene a moayi no adi mo soɔ no nti mobɛsu afrɛ, nanso AWURADE remmua mo da no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan