Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 3:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Saa nti, mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane aboɔ akuakuo, na efie no bepɔ adane kwaeɛ sorɔnsorɔmmea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Saa nti, mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane aboɔ akuakuo, na efie no bepɔ adane kwaeɛ sorɔnsorɔmmea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na mo nti, wobefuntum Sion te sɛ afuw, Yerusalem bɛyɛ nnwiriwii siw, na asɔredan no pampa bɛyɛ nkɔmoa so nkyɛkyerɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na mo enti, wɔbɛfuntum Sion te sɛ afuo, Yerusalem bɛyɛ mmubuiɛ, na asɔredan no kokoɔ bɛyɛ sɛ nkɔfie a nkyɛkyerɛ afu wɔ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Ne saa nti, mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuw, na Yerusalem adan abo akuakuw, na ofi no bepɔw adan kwae sorɔnsorɔmmea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 3:12
18 Iomraidhean Croise  

Asase a ɛma aduane danee asase kɛsɛɛ, wɔn a wɔte soɔ no bɔneyɛ nti.


Onyankopɔn, amanaman aba w’agyapadeɛ mu, wɔagu w’asɔrefie kronkron ho fi, wɔama Yerusalem ayɛ agoago.


Na aban fɛfɛ bo bɛda mpan, wɔbɛgya kuro a nnipa dɔɔso wɔ mu no, ne kokoɔ ne ɔwɛn aban bɛdane atu de akɔsi daa, ɛserɛ so mfunumu anika ne mmoakuo adidibea.


Me bepɔ ne ɛho asase, mede w’ahodeɛ ne w’akoradeɛ nyinaa bɛma na wɔafom, ne wo sorɔnsorɔmmea no nso, w’asase yi nyinaa so bɔne nti.


Na sɛ moantie nsɛm yi a, ɛnneɛ maka me ho ntam, AWURADE asɛm nie, sɛ efie yi bɛdane fituo.


Na sɛ AWURADE ka fa Yuda hene fie ho nie: Woyɛ me sɛ Gilead, ne Lebanon atifi, nanso mɛdane wo anwea pradada so, nkuro a wɔnte mu!


Mika a ɔfiri Moreset hyɛɛ nkɔm Yudahene Hesekia berɛ so, na ɔka kyerɛɛ Yuda man nyinaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Wɔbɛfuntum Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane nkunkumaboɔ akuakuo, na efie no bepɔ no adane kwaeɛ mu sorɔnsorɔmmea.


Ɛno nti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a meka metiaa Yuda ne Yerusalemfoɔ no nyinaa mereba wɔn so, ɛsiane sɛ makasa akyerɛ wɔn, na wɔantie, na mafrɛ wɔn, na wɔannye me so nti.


Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Mo ara moahunu bɔne a mede maba Yerusalem ne Yuda nkuro nyinaa soɔ no nyinaa. Na hwɛ, ayɛ amamfo nnɛ, na obiara nni hɔ a ɔte soɔ.


na ɔbɛhyee AWURADE fie ne ɔhene fie ne Yerusalem afie nyinaa, afie akɛseɛ nyinaa, ɔde ogya hyee.


Mmepɔ no nti, metue esu ne benabɔ mu, na ɛserɛ so adidibea no nti, meto esu dwom, ɛfiri sɛ ahye na obiara mfa hɔ, na wɔnte mmoakuo nne bio, ewiem nnomaa ne afieboa nyinaa atutu kɔ.


Na mɛyɛ Yerusalem nkunkumaboɔ akuakuo, ɛserɛ so kraman tenabea, na madane Yuda nkuro amamfo a obiara nte hɔ.


Sion bepɔ a ayɛ amamfo nti, ɛserɛ so kraman nenam so.


Na mede Samaria bɛyɛ wiram aboɔkuo ne abobe atɛeɛ, na mede n’aboɔ bɛgu bonhwa no mu, na mayi ne nnyinasoɔ adi.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhunu yeinom? Nokorɛ mese mo sɛ: Wɔrennya ɔboɔ a ɛsi ɔboɔ so ɛha a wɔrennwiri ngu fam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan