Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 3:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na mese: Montie ɛ, Yakob atitire ne Israel fie atemmufoɔ, ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ mohunu atemmuo?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na mese: Montie ɛ, Yakob atitire ne Israel fie atemmufoɔ, ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ mohunu atemmuo?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei mekae se, “Muntie, mo Yakob akannifo, mo a mudi Israelfi so. Ɛsɛ sɛ muhu nea ɛyɛ atɛntrenee,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei mekaa sɛ, “Montie, mo Yakob ntuanofoɔ, mo sodifoɔ a mowɔ Israel efie. Ɛsɛ sɛ mohunu deɛ ɛyɛ atɛntenenee,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na mise: Muntie ɛ, Yakob atitiriw ne Israel fi akannifo, so ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ muhu atemmu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 3:1
21 Iomraidhean Croise  

Ɛnna me ne Yuda mmapɔmma no hameeɛ, na mesee wɔn sɛ: Asɛmmɔne bɛn na moredie de kum homeda ho yi?


Enti omumuyɛfoɔ biara nni hɔ a ɔwɔ nimdeɛ, wɔn a wɔdi me man sɛdeɛ wɔdi aduane, na wɔnsɔre AWURADE?


Montie AWURADE asɛm, Sodom atitire! Monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ, mo Gomora man!


sɛ wɔbɛdane ahiafoɔ afiri atɛntenenee ho, na wɔakyea me man mu mmɔborɔfoɔ atemmuo, na akunafoɔ adane wɔn asadeɛ, na wɔafom nwisiaa afa!


Hwɛ Israel aberempɔn a wɔwɔ mo mu no, wɔn mu biara pɛ sɛ ɔhwie mogya gu sɛdeɛ ne tumi teɛ.


Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nnwanhwɛfoɔ, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn, nnwanhwɛfoɔ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Monnue, Israel nnwanhwɛfoɔ a wɔyɛne wɔn ho no; ɛnyɛ nnwan na nnwanhwɛfoɔ yɛne wɔn?


Modi sradeɛ no, na mofira nnwan no ho nwi; deɛ wadorɔ no, mokum no; na nnwankuo no deɛ, monyɛne wɔn.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Israel ne Yuda fie amumuyɛ no yɛ kɛseɛ pa ara, na mogya ayɛ asase no so ma, na ntɛnkyea ayɛ kuro no ma; na wɔka sɛ: AWURADE agya asase no, na AWURADE nhunu.


Montie yei, asɔfoɔ, na monwɛn aso, Israel fie, na ɔhene fie nso, monyɛ aso; na mo so na atemmuo aba; na moadane fidie wɔ Mispa ne asau a wɔatrɛ mu wɔ Tabor so.


Montie asɛm yi, Basan anantwibereɛ a mowɔ Samaria bepɔ soɔ, mo a monyema mmɔborɔfoɔ na mohyɛ ahiafoɔ soɔ, na moka kyerɛ mo wuranom sɛ: Fa bra na yɛnnom no.


Wɔnnue, wɔn a wɔte Sion dwoodwoo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Samaria bepɔ soɔ, wɔn a wɔdɛnso amanaman mu adikanfoɔ mu, wɔn a Israel fie kɔ wɔn nkyɛn no.


Otwafoɔ di wɔn anim reforo aba. Wɔbɔ kirididi sene fa kuro pono mu, na wɔfa mu firi adi bio. Na wɔn hene sene di wɔn anim, na AWURADE di wɔn kan.


Meka yei mehyɛ mo aniwuo. Onyansafoɔ baako mpo nni mo mu a ɔbɛtumi abu onua ne onua ntam atɛn anaa?


Sisi wo so atemmufoɔ ne mpanimfoɔ, wo nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛdeɛ wo mmusuakuo teɛ no nyinaa mu, na wɔmfa atɛntenenee mmu ɔman no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan