Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 2:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Mopamo me man mu mmaa firi wɔn afie fɛfɛ mu, na mogye wɔn animuonyam firi mmɔtafowa hɔ koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Mopamo me man mu mmaa firi wɔn afie fɛfɛ mu, na mogye wɔn animuonyam firi mmɔtafowa hɔ koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Mopam mmea a wɔwɔ me nkurɔfo mu fi wɔn afi afɛɛfɛ mu. Mugye me nhyira fi wɔn mma nsam afebɔɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Mopam mmaa a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu firi wɔn afie fɛfɛ mu. Mogye me nhyira firi wɔn mma nsam afebɔɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Mopam me man mu mmea fi wɔn afi afɛfɛ mu na mugye m’anuonyam fi wɔn mmotafowa hɔ koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 2:9
14 Iomraidhean Croise  

na nhyira ne n’animuonyam din daa, na n’animuonyam nhyɛ asase nyinaa ma. Amen ne Amen.


Me ntomadan asɛe, na me ntampehoma nyinaa mu atete; me mma afiri me ho kɔ, na wɔnni hɔ; obiara nni hɔ a ɔbɛyere me ntomadan mu bio, na wasi me ntwamutam.


Na mede m’animuonyam bɛsi amanaman nyinaa mu na wɔahunu m’atɛn a mabuo ne me nsa a mede ato wɔn soɔ;


Na Yuda mma ne Yerusalem mma no, motontɔn wɔn maa Helafoɔ, sɛ moreyi wɔn afiri wɔn asase so akɔ akyirikyiri.


Wɔn kɔn dɔ mmɔborɔni atifi dɔteɛ mpo, na wɔkyea amanehunufoɔ kwan, na obi ne n’agya kɔ ababaa korɔ ho, sɛ wɔde regu me din kronkron ho fi,


na wɔn ani bere mfuo, na wɔgye, ne afie, na wɔfefa, na wɔsi ɔbarima ne ne fie ne onipa ne n’agyapadeɛ apempem.


Na afei deɛ, AWURADE animuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so ma sɛdeɛ nsuo kata ɛpo soɔ.


na me deɛ, AWURADE asɛm nie, me ara ankasa na mɛyɛ no ogya fasuo atwa ne ho mahyia, na mayɛ ne mu animuonyam.


Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moto ɔsoro ahennie mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


wɔn na wɔbɔ akunafoɔ apoo, nanso wɔboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yeinom na wɔbɛnya afobuo a ɛboro soɔ.


wɔn na wɔbɔ akunafoɔ apoo, nanso wɔboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yeinom na wɔbɛnya afobuo a ɛso.


Na yɛn nyinaa de yɛn ani a ɛso da hɔ hwɛ Awurade animuonyam no sɛ wɔhwɛ ahwehwɛ mu, na wɔsakyera yɛn kɔ suban korɔ no ara mu firi animuonyam mu kɔ animuonyam mu, na yei ɛfiri Awurade honhom no ara.


Ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkaa sɛ hann mfiri esum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ hyerɛn.


Enti afei ma me wura ɔhene ntie n’akoa nsɛm. Sɛ AWURADE na wahwanyan wo atia me a, ɛnneɛ ma no nnye afɔdeɛ. Na sɛ ɛyɛ nnipa mma deɛ a, wɔadome wɔn, AWURADE anim, sɛ wɔapamo me nnɛ sɛ merennya kyɛfa wɔ AWURADE agyapadeɛ no ho, na wɔse: Kɔ na kɔsom anyame foforɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan