Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 2:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Yakob fie, wɔnka sɛ AWURADE honhom nni boasetɔ anaa? Yeinom ne ne nneyɛɛ anaa? Ɛnyɛ yie na me nsɛm yɛ deɛ ɔnam tee no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Yakob fie, wɔnka sɛ AWURADE honhom nni boasetɔ anaa? Yeinom ne ne nneyɛɛ anaa? Ɛnyɛ yie na me nsɛm yɛ deɛ ɔnam tee no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Mo Yakobfi, so wɔnka se, “Awurade Honhom nni boasetɔ ana? Ɔyɛ nneɛma a ɛte sɛɛ ana? “Ne nsɛm nyɛ nea nʼakwan teɛ no yiye ana?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ao, Yakob efie, mma monnka nsɛm a ɛte saa. Awurade Honhom nni boasetɔ? Ɔyɛ nneɛma a ɛte sei anaa? “Ne nsɛm nyɛ deɛ nʼakwan tene no yie anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Yakob fi, so; wɔnka sɛ: So AWURADE honhom nni boasetɔ anaa? So eyinom ne ne nneyɛe anaa? So ɛnyɛ yiye na me nsɛm yɛ nea ɔnam tee no anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 2:7
31 Iomraidhean Croise  

Wo ne w’akoa adi no yie, AWURADE, sɛdeɛ w’asɛm teɛ.


Woyɛ, na woyɛ yie, kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.


Deɛ ɔnante pɛpɛɛpɛ na ɔdi asɛntenenee, na ɔka n’akomam nokorɛ.


Deɛ ɔte ne ho na wobɛte wo ho akyerɛ no, na ɔkontonkyini deɛ, wokyinkyim wo ho kyerɛ no.


Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma adom ne animuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.


AWURADE akwan yɛ ahoɔden ma pɛyɛfoɔ, na ɛyɛ ɔsɛeɛ ma amumuyɛfoɔ.


Deɛ ɔnam pɛyɛ mu no nam dwoodwoo, na deɛ ɔkyea n’akwan no, wɔbɛhu no.


Deɛ ɔnante ne teeyɛ mu no suro AWURADE, na deɛ ɔkyea n’akwan no bu no animtia.


Ɔkora nyansa mapa ma teefoɔ, ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔnam pɛpɛ,


Deɛ ɔnam pɛyɛ mu no bɛnya nkwa, na deɛ ɔkyea akwan mmienu mu no bɛhwe baako mu.


Adɛn nti na mebaeɛ no, na obiara nni hɔ, mefrɛeɛ no, obiara annye soɔ? Me nsa yɛ tiaa sɛ mentumi mennyeɛ, anaasɛ tumi a mede bɛgye nkwa bi nni me mu? Hwɛ, mede me nkaanim mema ɛpo we, mema nsubɔntene danedane anwea pradada so nsuo a ɛnni hɔ nti, emu nam porɔporɔ, na sukɔm kuku wɔn.


Team denden, nnodo ho; ma wo nne so sɛ totorobɛnto, na ka me man mmarato ne Yakob fie bɔne kyerɛ wɔn.


Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ me aduane, na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛ ne akomatɔyam, na wɔde wo din ato me, O AWURADE, asafo Nyankopɔn.


Montie AWURADE asɛm, O Yakob fiefoɔ ne Israel fie mmusua nyinaa.


Hwan ne onyansafoɔ a ɔbɛhunu yeinom mu, nhunumufoɔ a ɔbɛhunu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na ateneneefoɔ bɛnante so, na mmaratofoɔ deɛ wɔbɛhwehwe so ase.


Montie yei ɛ, Yakob fie atitire ne Israel fie atemmufoɔ, mo a mokyiri atemmuo na mokyea deɛ ɛtene nyinaa,


Na ɔbua see me sɛ: Yei ne AWURADE asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden soɔ, na mmom me honhom so, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Wɔatwa AWURADE nsa so? Afei wobɛhunu sɛ m’asɛm bɛba mu ama wo anaasɛ ɛremma mu.


Ɛnneɛ monso aba a ɛkyerɛ adwensakyera.


Wɔbua see no sɛ: Yɛn agya ne Abraham. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ moyɛ Abraham mma a, anka mobɛyɛ Abraham nnwuma;


Ɛnneɛ na deɛ ɛyɛ papa no adane owuo ama me anaa? Dabi da, na ɛyɛ bɔne no mmom, na ada adi sɛ bɔne a ɛnam deɛ ɛyɛ papa no so mpo de owuo aba me soɔ, na bɔne no nam mmara asɛm no so ayɛ bɔne atra so.


Ɛnyɛ yɛn mu na monsene, na mmom mo ara mo yam na monsene.


wɔkekare wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dane wo ho firi wɔn ho!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan