Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 2:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Boa na mɛboa mo nyinaa ano, Yakob, nhyia na mɛhyia Israel nkaeɛ. Mɛka wɔn mabom sɛ nnwan wɔ nnwammuo mu, sɛ mmoakuo wɔn didibea so; nnipa dodoɔ a wɔyɛ hoo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Boa na mɛboa mo nyinaa ano, Yakob, nhyia na mɛhyia Israel nkaeɛ. Mɛka wɔn mabom sɛ nnwan wɔ nnwammuo mu, sɛ mmoakuo wɔn didibea so; nnipa dodoɔ a wɔyɛ hoo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 “Mɛboaboa mo nyinaa ano Yakob; nokware mɛka Israel nkae no nyinaa abɔ mu. Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nguan a wogu nguannan mu, te sɛ nguankuw a wɔwɔ adidibea; nnipa bɛhyɛ beae hɔ manyamanya.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 “Mɛboaboa mo nyinaa ano Ao, Yakob; nokorɛm mɛka Israel nkaeɛfoɔ no nyinaa abɔ mu. Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nnwan a wɔgu nnwammuo mu, te sɛ nnwankuo a wɔwɔ adidibea; nnipa bɛhyɛ beaeɛ ho manyamanya.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Ɔboa na mɛboa mo nyinaa ano, O Yakob, hyia na mehyia Israel nkae; mɛka wɔn mabom sɛ nguan a wɔwɔ nguanban mu, sɛ mmoakuw wɔ wɔn didibea, nnipa dodow nti, wɔbɛyɛ hoo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 2:12
28 Iomraidhean Croise  

Na Bela wui, na Sera ba Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii n’adeɛ.


Bela wui, na Sera ba Yobab a ɔfirii Bosra bɛdii n’adeɛ.


Na da no, AWURADE bɛtene ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkaeɛ a wɔaka afiri Asiria, Misraim, Patros, Etiopia, Elam, Sinear, Hamat ne po ano aman mu.


Ɛda no ɛbɛba sɛ AWURADE bɛpore n’aba afiri Asuo Eufrate no hweamo ano akɔsi Misraim subɔn no ano, na wɔatase mo, Israel mma, mmaako mmaako.


Mogya ara nko adue AWURADE afena, sradeɛ afɔre ho, nnwammaa ne mpapo mogya, adwennini sawa ho sradeɛ, na AWURADE wɔ okum afɔdeɛ wɔ Bosra ne okunkɛseɛ wɔ Edom asase so.


Ɛnna nnwammaa bɛdidi wɔn adidibea, na ananafoɔ adidi taamudifoɔ amamfo so.


Na me ara mɛboa me nnwan nkaeɛ ano afiri nsase a mapam wɔn akɔ soɔ no nyinaa so, na mede wɔn bɛsane aba wɔn adidibea bio, na wɔbɛwowo na wɔadɔ.


Nna no mu na Yuda fie ne Israel fie bɛbom ananteɛ, na wɔafiri atifi fam asase so aba asase a mede memaa wɔn agyanom dii soɔ no so.


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ara mɛhwehwɛ me nnwan, na mahwehwɛ wɔn akyiri kwan.


Na mɛyi wɔn afiri aman mu, na maboa wɔn ano afiri nsase so na mede wɔn aba wɔn asase so, na mayɛne wɔn, Israel mmepɔ so, nsubɔnhwa mu ne asase no so tenabea nyinaa;


mɛgye me nnwan nkwa na wɔrenyɛ fomfa adeɛ bio, na mɛbu odwan ne odwan ntam atɛn.


Na mone me nnwan, me yɛmmea nnwan, moyɛ nnipa, mene mo Nyankopɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei bio na Israel fie bɛbisa no me hɔ, na mɛyɛ mama wɔn. Mɛma wɔadɔɔso ayɛ nnipa pii, sɛ Yerusalem nnwankuo.


Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merekɔfa Israel mma afiri amanaman a wɔakɔ hɔ no mu, na maboa wɔn ano afiri mmaa nyinaa ahyia, na mede wɔn akɔ wɔn asase so,


Na Yuda mma ne Israel mma bɛbom ahyia, na wɔasi tire baako afa, na wɔaforo afiri asase no so aba. Na Yesreel da no bɛyɛ da kɛseɛ.


Na mɛto Teman mu gya, na ahye Bosra aban denden no.


Otwafoɔ di wɔn anim reforo aba. Wɔbɔ kirididi sene fa kuro pono mu, na wɔfa mu firi adi bio. Na wɔn hene sene di wɔn anim, na AWURADE di wɔn kan.


Na wo, Sion babaa kokoɔ, woayɛ nnwanhwɛfoɔ abantenten, na wo hɔ na akane tumidie no bɛba abɛduro, Yerusalem babaa ahennie no.


Na Yakob nkaeɛ no bɛyɛ aman bebree mu sɛ obosuo a ɛfiri AWURADE nkyɛn, sɛ nhahamma so ahasuo a ɛnhwɛ ɔbarima bi kwan na ɛntwɛn nnipa mma.


Na Yakob nkaeɛ no bɛyɛ sɛ kwaeɛ mu mmoa mu gyata, amanaman mu, aman bebree mu, sɛ nnwan akuakuo mu gyataburuwa a ɔsene ba a ɔtiatia soɔ na ɔtete mu a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.


Fa wo poma yɛne wo man, w’agyapadeɛ nnwan a wɔn nko ara te kwaeɛm, Karmel atifi no. Ma wɔnnidi Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu.


Hwan na ɔte sɛ wo; Onyankopɔn a wode amumuyɛ kyɛ na wosiane mmarato ho ma w’agyapadeɛ nkaeɛ no? Worensɔ w’abufuo mu daa, na adɔeɛ mmom na wopɛ;


Ɛberɛ no mu na mede mo bɛba, na ɛberɛ no na mɛboa mo ano. Na mɛma mo animuonyam ne din wɔ asase aman nyinaa so, ɛberɛ a mede mo nkurɔfoɔ a wɔfaa wɔn nnommum bɛsane aba no, mo ara mo de mo ani bɛhunu, AWURADE na ɔseɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan