Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 2:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Monsɔre na monkɔ! Na ɛha nyɛ mo homebea, efiguo a ɛde sɛeɛ a ɛso ba no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Monsɔre na monkɔ! Na ɛha nyɛ mo homebea, efiguo a ɛde sɛeɛ a ɛso ba no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Sɔre, fi ha kɔ! Ha nyɛ faako a wɔhome, efisɛ ho agu fi, Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yiye bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Sɔre, firi ha kɔ! Ɛha nyɛ beaeɛ a wɔhome, ɛfiri sɛ ɛho agu fi, Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yie bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Monsɔre na monkɔ! Na ɛha nyɛ mo homebea, esiane efigu a ɔsɛe a ɛso ba no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 2:10
20 Iomraidhean Croise  

ɛnneɛ mɛtwa Israel afiri asase a mede mama wɔn no ani, na efie a mayɛ no kronkron ama me din no, mɛto afiri m’anim atwene, na Israel bɛdane ɛbɛ ne fɛwdie aman nyinaa mu.


Israelhene Peka berɛ so na Asiriahene Tiglat-pileser ba bɛfaa Iyon, Abel-bet-maaka, Yanoa, Kedes, Hasor, Gilead ne Galilea, Naftali asase nyinaa, na ɔtuu wɔn kɔɔ Asiria.


Hosea afe a ɛtɔ so nkron mu na Asiriahene faa Samaria, na ɔtuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔduaa Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkuro mu.


ɛnneɛ mɛtu mo afiri m’asase a mede memaa mo no so, na efie a mayɛ no kronkron ama me din yi, mɛto afiri m’anim atwene, na mede ayɛ ɛbɛ ne ɛfene aman nyinaa mu.


na wɔkaa mogya a ɛnni fɔ gui, wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa mogya, wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ maa Kanaan ahoni, maa mogya guu asase no ho fi.


Na ɛmaa mekaa m’abufuo mu ntam, sɛ wɔrennuru me home mu.


Na sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mereto asase no sofoɔ ntoboɔ, berɛ yi mu, na mahiahia wɔn ho, na wɔahunu.


Ma w’ani so kyerɛ nkokoɔ pataa so, na hwɛ! Ɛhe na wonguu wo ho fi? Akwankyɛn na wote twɛn wɔn, sɛ ɛserɛ so Arabni, na wode w’adwamammɔ ne wo nnebɔne agu asase no ho fi.


Na wɔte esu nka firi Sion: Sɛdeɛ yɛasi asɛe afa! Yɛn ani awu pii, ɛfiri sɛ yɛagya asase no, na wɔasunsum yɛn tenabea agu.


Onipa ba, Israel fie tenaa wɔn asase soɔ no, wɔde abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ guu ho fi; na wɔn bra no te sɛ ɔbaa a wayɛ bra fi wɔ m’anim.


Na mepansamm wɔn guu amanaman mu, na mehwetee wɔn mu guu nsase so. Wɔn bra ne wɔn nneyɛɛ so na mebuu wɔn atɛn.


na ɛde bɛsi sɛsɛɛ yi monnya nnuruu home ne agyapadeɛ a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no mu.


mepae mu mekyerɛ mo nnɛ sɛ sɛeɛ na mobɛsɛeɛ, wo nna renkyɛre asase a woretwa Yordan akɔ so akɔdi soɔ no so.


ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ ɛmmɛdi mo adanseɛ sɛ yera na mobɛyera ntɛm soɔ afiri asase a moretwa Yordan akɔfa no so, mo nna renkyɛre so, na mmom sɛeɛ na mobɛsɛe pasapasa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan