Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 2:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Wɔnnue, wɔn a wɔdwene amumuyɛsɛm ne wɔn a wɔsiesie bɔne, wɔn mpa soɔ; anɔpa hann mu wɔyɛ, ɛfiri sɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Wɔnnue, wɔn a wɔdwene amumuyɛsɛm ne wɔn a wɔsiesie bɔne, wɔn mpa soɔ; anɔpa hann mu wɔyɛ, ɛfiri sɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nnome nka wɔn a wɔfa amumɔyɛ ho adwene, wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne wɔ wɔn mpa so! Wɔsɔre anɔpa kodi dwuma no, efisɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nnome nka wɔn a wɔfa amumuyɛ ho adwene, wɔn a wɔbɔ ɛpɔ bɔne wɔ wɔn mpa so! Wɔsɔre anɔpa kɔdi dwuma no ɛfiri sɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Wonnue wɔn a wodwen amumɔyɛsɛm ne wɔn a wosiesie bɔne, wɔn nnae so; anɔpa hann mu wɔyɛ, efisɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 2:1
40 Iomraidhean Croise  

Mewɔ tumi sɛ anka me ne mo di no bɔne; nanso nnora anadwo no, mo agya ne Nyankopɔn kasa kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ yie, na woankasa papa anaa bɔne so ankyerɛ Yakob.


Ɛnna ne yere Isebel ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo na wodi Israel soɔ? Sɔre didi, na ma wo bo ntɔ wo yam, na mede Yesreelni Nabot bobeturo no bɛma wo.


Na Haman ka kyerɛɛ Ɔhene Akas-weros sɛ: Ɔman baako bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete, na wɔate wɔn ho afiri amanaman mu, w’ahennie nsase nyinaa soɔ, na ɛsono wɔn mmara ne aman nyinaa deɛ, na ɔhene mmara no, wɔnni so, na ɛmfata ɔhene sɛ ɔbɛma wɔn kwan.


Ɛnna ne yere Seres ne n’adɔfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma wɔnyɛ dua a ne tentene yɛ basafa aduonu nnum, na ɔkyena anɔpa ka kyerɛ ɔhene, na wɔnsɛne Mordekai wɔ so, na wo ne ɔhene nkɔ apontoɔ no ase anigyeɛ mu. Na asɛm no sɔɔ Haman ani, na ɔmaa wɔyɛɛ dua no.


na Ester baa ɔhene anim no, ɔkaa no nwoma no mu, sɛ Haman adwemmɔne a ɔdwenee no Yudafoɔ ho no nsane mmɛbua n’atifi, na wɔnsɛne no ne ne mma dua no so.


Wɔnyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusuo, na wɔn yafunu siesie nnaadaa.


Nhema na owudini sɔreɛ, ɔkum ɔmanehunufoɔ ne ohiani, na anadwo ɔyɛ sɛ owifoɔ.


Ɔdwene amumuyɛdeɛ ne kɛtɛ so, ɔde ne nan asi ɔkwan a ɛnyɛ so; bɔne deɛ, ɔnkyi.


Ao, AWURADE, w’adɔeɛ kɔduru soro, na wo nokorɛ kɔduru wiem tɔnn.


Abɔnefoɔ bɔ ko firi ɔyafunum, wɔfiri wɔn na yam fom kwan di atorɔ.


Onipa pa nya AWURADE anim anisɔ, na onipa busuyɛfoɔ deɛ, ɔbu no fɔ.


Wɔn a wɔbɔre asɛmmɔne mfom anaa? Na adom ne nokorɛ wɔ wɔn a wɔbɔre asɛmpa.


Mfa yieyɛ nkame deɛ ɛsɛ no, berɛ a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no.


Wɔn deɛ wɔnna, gye sɛ wɔayɛ bɔne ansa, na wɔntumi nna, gye sɛ wɔahwe obi ase ansa;


na tirimuɔdenfoɔ ayɛ ɔkwa, na ahiyifoɔ asa, na wɔatwa wɔn a wɔdwene amumuyɛsɛm nyinaa atwene,


AWURADE reba abɛbu ne man mpanimfoɔ ne n’asafohene atɛn, ɛfiri sɛ mo na moadi bobeturo no, mmɔborɔni asadeɛ wɔ mo afie mu;


Na ɔdaadaafoɔ adeɛ yɛ bɔne, ɔbɔ ne tirim pɔ bɔne, sɛ ɔde atorosɛm bɛsɛe mmɔborɔni ne ohiani sɛ ɔka nokorɛ mpo a.


Wɔnnue, wɔn a wɔde ɛdan toa ɛdan soɔ, wɔn a wɔde afuo ka afuo ho kɔsi sɛ ɛkwan biara nni hɔ bio, na mo nko ara motena asase no soɔ.


Na mogya akeka mo nsam, na amumuyɛ agu mo nsateaa ho fi; mo ano keka atorosɛm, mo tɛkyerɛma woro nkontompo.


Na wɔkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara renyera mfiri ɔsɔfoɔ hɔ, na afotuo rempa onyansafoɔ anomu, na asɛm remmɔ odiyifoɔ. Mommra mma yɛmfa tɛkyerɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, yeinom ne mmarima a wɔdwene abususɛm na wotu fo bɔne, kuro yi mu.


Mogyinagyina mo nkrantɛ so, moyɛ akyiwadeɛ, na obi gu ne yɔnko yere ho fi, na mobɛfa asase no adi so anaa?


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Na ɛda no, nsɛm bi bɛsɔre w’akomam na woadwene adwemmɔne,


Nanso ɔberempɔn no mmfa ɔmanfoɔ no agyapadeɛ bi, mmpam wɔn mfiri wɔn kyɛfa mu; ɔno ara ne kyɛfa no bi na ɔmfa mma ne mma na wɔnnie, deɛ ɛbɛyɛ na wɔampansam me man mu onipa biara amfiri n’agyapadeɛ soɔ.


Nhyɛsoɔ ayɛ emu adefoɔ amaama na emufoɔ ka atorosɛm na wɔn tɛkyerɛma yɛ nnaadaa wɔn anomu.


Ninewe, wo mu na deɛ ɔdwene AWURADE ho bɔne, deɛ ɔtuu agyina huhuo no fire.


Na monnhyɛ okunafoɔ ne awisiaa, ɔhɔhoɔ ne ɔmanehunufoɔ so, na obiara nnnwene ne nua ho bɔne n’akomam.


Na ntɛm ara, ɛrekɔ anɔpa no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa tuu agyina, na wɔkyekyeree Yesu de no kɔ kɔhyɛɛ Pilato nsa.


Na Atwerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no hwehwɛɛ sɛ wɔde wɔn nsa kɔsɔ ne mu kye no dɔn no ara mu, nanso wɔsuroo ɔman no; ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ ɛbɛ a ɔbuiɛ no, ɔne wɔn.


Yesu buaa sɛ: Sɛ wɔamfa amma wo amfiri soro a, anka wonni me so tumi biara; yei nti deɛ ɔyii me maa woɔ no na ne bɔne so.


Na adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ no mu binom pam kekaa wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, nanso wɔrennom, gye sɛ wɔakum Paulo ansa.


Enti afei mo ne badwafoɔ nkɔbɔ din nkyerɛ ɔsafohene no, na ɔmfa no mmrɛ mo, sɛdeɛ morebɛbisa ne ho asɛm no mu yie; na yɛn deɛ, ansa na ɔbɛduru ha no, yɛbɛku no.


nsekubɔfoɔ, Onyankopɔn atamfoɔ, anoɔdenfoɔ, ahantanfoɔ, ahohoahoafoɔ, nnebɔne farebaefoɔ, awofoɔ asɛm ho asoɔdenfoɔ,


Wɔde wo mmammarima ne wo mmammaa bɛma ɔman bi, na w’ani bɛhwɛ, na wɔn hwɛ ama w’ani atɔ sia daa nyinaa, ɛfiri sɛ tumi biara nni wo nsam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan